13 Ɛbaa saa no, Egyptfoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no maa wɔyɛɛ nkoadwuma.+ 14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔɔ dɔteɛ de yɛɛ birikisi, na wɔmaa wɔyɛɛ afuo mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛeɛ.+