Exodus
1 Berɛ a Yakob a wɔfrɛ no Israel kɔɔ Egypt no, ne mma no nyinaa ne wɔn fiefoɔ nso kɔɔ bi. Yakob mma no din nie:+ 2 Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda;+ 3 Isakar, Sebulon, ne Benyamin; 4 Dan ne Naftali; Gad ne Aser.+ 5 Ná Yakob mma ne ne mmanana nyinaa yɛ nnipa 70.* Yosef deɛ, na ɔwɔ Egypt dada.+ 6 Akyire yi Yosef wuiɛ,+ na ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛsofoɔ* nyinaa nso wuwuiɛ. 7 Israelfoɔ* no wowoeɛ, na wɔbɛyɛɛ bebree. Wɔn ase trɛeɛ na wɔbɛyɛɛ den ntɛmntɛm, na wɔhyɛɛ asaase no so ma.+
8 Akyire yi, ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt. Ɔno deɛ, na ɔnnim Yosef. 9 Enti ɔka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ no dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so. Anyɛ saa a, wɔn ase bɛtrɛ na wɔayɛ pii, na sɛ ɛko ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na wɔafiri ɔman yi mu akɔ.”
11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ* sisii wɔn so sɛ wɔnhyɛ wɔn mma wɔnyɛ adwumaden;+ wɔmaa wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+ 12 Nanso berɛ a wɔrehyɛ wɔn so no, afei koraa na na wɔredɔɔso na wɔn ase retrɛ. Enti Israelfoɔ no ho hu tɔɔ wɔn so.+ 13 Ɛbaa saa no, Egyptfoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no maa wɔyɛɛ nkoadwuma.+ 14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔɔ dɔteɛ de yɛɛ birikisi, na wɔmaa wɔyɛɛ afuo mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛeɛ.+
15 Akyire yi, Egypt hene ne Hebrifoɔ mmaa a wɔgye awoɔ no kasaeɛ; baako de Sifra na baako nso de Pua. 16 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moregye Hebrini baa bi awoɔ*+ na sɛ mohu sɛ abɔfra no yɛ ɔbarima a, monku no, na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, monnku no.” 17 Nanso na wɔn a wɔgye awoɔ no suro nokorɛ Nyankopɔn no, enti wɔanyɛ deɛ Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no. Mmom wɔkoraa mmɔfra a wɔyɛ mmarima no so.+ 18 Berɛ bi akyi no, Egypt hene frɛɛ mmaa a wɔgye awoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moakora mmarima no so?” 19 Ɛnna mmaa a wɔgye awoɔ no buaa Farao sɛ: “Hebrifoɔ mmaa no nte sɛ Egyptfoɔ mmaa. Wɔn ho yɛ den, enti ansa na deɛ ɔgye awoɔ no bɛduru wɔn nkyɛn no na wɔawo dada.”
20 Enti Onyankopɔn ne mmaa a wɔgye awoɔ no dii no yie; na Israelfoɔ no yɛɛ bebree na wɔn ho yɛɛ den paa. 21 Ɛsiane sɛ wɔn a wɔgye awoɔ no suroo nokorɛ Nyankopɔn no nti, akyire yi ɔmaa wɔnyaa mma.* 22 Afei Farao ka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Abɔfra biara a Hebrifoɔ no bɛwo no foforɔ no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monto no ntwene Asubɔnten Nil mu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, ɛnsɛ sɛ moku no.”+