5 Afei nso, abɔdeɛ a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa agu no, mɛma no abu ho akonta. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma no abu ho akonta, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne nua.+ 6 Obiara a ɔbɛka onipa mogya agu no, wɔnam onipa so na ɛbɛka ne mogya agu,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.+