9 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie*+ no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyee otitire biara fie.+10 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+
29 Na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛbɔ awura mu, na wɔde gya bɛto kuro yi mu, na wɔbɛhye kuro no+ ne adan a nkurɔfoɔ no bɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo no.’+