-
Yeremia 44:25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Asɛm a mo ne mo yerenom de mo ano kaeɛ no, mode mo nsa ayɛ. Ɛfiri sɛ mokaa sɛ: “Ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛdi so.”+ Mmaa, mo nso, ɛbɔ a moahyɛ no, deɛ ɛteɛ biara mobɛdi so, na mobɛyɛ deɛ moahyɛ ho bɔ no.’
-