Yeremia
19 Deɛ Yehowa kaeɛ nie: “Kɔ na kɔtɔ ahina firi ɔnwemfoɔ+ hɔ. Fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na pue kɔ Hinom Ba Bɔn+ a ɛwɔ Kyɛmferɛ* Pono ano no mu. Ɛhɔ na ka nsɛm a mɛka akyerɛ wo no. 3 Ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie:
“‘“Mede mmusuo reba ha, na obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn. 4 Ɛfiri sɛ wɔagya me hɔ,+ na wɔasesa ha yi koraa.+ Wɔbɔ afɔreɛ wɔ ha ma anyame foforɔ, anyame a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nnim wɔn, na wɔde wɔn a wɔdi bem mogya ahyɛ ha ma.+ 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma wɔ gya mu de wɔn abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Baal.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, menkaa biribiara saa nkyerɛɛ wɔn, na ɛmmaa m’akomam mpo da.”’*+
6 “‘“Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔremfrɛ ha yi Tofet anaa Hinom Ba Bɔn bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bɔn.+ 7 Na mɛma pɔ a Yuda ne Yerusalem abɔ ayɛ kwa wɔ ha, na mɛma wɔatotɔ sekan ano wɔ wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no anim. Na mede wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.+ 8 Na mɛma kuro yi ayɛ biribi a ɛyɛ hu, biribi a nkurɔfoɔ bɛdi ho fɛ.* Obi biara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wadi ne ho fɛ,* mmusuo a ɛbɛba ne so no nyinaa nti.+ 9 Na mɛma wɔawe wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nam, na obiara bɛwe ne yɔnko nam, ɛfiri sɛ wɔbɛka wɔn ahyɛ kuro no mu, na wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no bɛhyɛ wɔn so ama wɔn ho ayera wɔn.”’+
10 “Afei bɔ ahina no wɔ mmarima a wo ne wɔn kɔeɛ no anim, 11 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Sei na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Mɛbɔ wɔn te sɛ deɛ obi bɔ ɔnwemfoɔ ahina a wɔntumi nyɛ no yie bio no; na wɔbɛsie wɔn a wɔawuwuo no wɔ Tofet akɔsi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma a wɔrennya baabi nsie obiara bio.”’+
12 “‘Saa na mɛyɛ ha yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘ne wɔn a wɔtete ha no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a kuro yi bɛyɛ sɛ Tofet. 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie ho bɛgu fĩ te sɛ ɛha yi, Tofet,+ aane, ɛdan biara a wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa ɔsoro asafo nyinaa+ na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ no.’”+
14 Berɛ a Yeremia firii Tofet, baabi a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm no baeɛ no, ɔkɔgyinaa Yehowa fie adihɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: 15 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo a maka atia kuro yi nyinaa reba kuro yi ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ asoɔden* na wɔantie m’asɛm.’”+