Yeremia
32 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 10, a ɛyɛ Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 18 no mu.+ 2 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔ abɛtwa Yerusalem ho ahyia, na odiyifoɔ Yeremia nso, na wɔakye no atom wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu+ wɔ Yuda hene fie.* 3 Ɛfiri sɛ na Yuda hene Sedekia akye no atom+ abisa no sɛ, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sei? Woka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛfa,+ 4 na Yuda hene Sedekia rentumi nnwane mfiri Kaldeafoɔ no nsam, na deɛ ɛteɛ biara wɔde no bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde n’ani bɛhu no, na ɔne no akasa.”’+ 5 ‘Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛdane m’ani abɛhwɛ no,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mo ne Kaldeafoɔ no bɛko deɛ, nanso morenni nkonim.’”+
6 Na Yeremia kaa sɛ: “Yehowa asɛm aba me nkyɛn sɛ, 7 ‘Hwɛ, wo papa nuabarima Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn abɛka sɛ: “Tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot no na fa,+ ɛfiri sɛ wo na wodi kan a mmara ma kwan sɛ wosan gye.”’”+
8 Na me papa nuabarima ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot, Benyamin asaase so no, ɛfiri sɛ wo na mmara ma kwan sɛ ɛbɛdi wo nsam na wosan gye. Enti tɔ na fa.” Ɛhɔ na mehuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.
9 Enti metɔɔ asaase a ɛwɔ Anatot no firii me papa nuabarima ba Hanamel nsam. Na mekarii sika no+ maa no, nnwetɛbena nson* ne dwetɛ du. 10 Afei meyɛɛ ɛho nkrataa,+ na mede ahyɛnsodeɛ taree ano, na mefrɛɛ adansefoɔ,+ na mekarii sika no wɔ nsenia* so. 11 Ɛnna mefaa asaase no ho nkrataa no, deɛ mmara ne ahyɛdeɛ no hwehwɛ sɛ wɔde ahyɛnsodeɛ tare ano ne deɛ ɛhwehwɛ sɛ ano da hɔ no nyinaa, 12 na mede asaase no ho nkrataa no maa Maseia ba Neria ba+ Baruk+ wɔ me papa nuabarima ba Hanamel, ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ asaase no ho nkrataa no ase no anim, ne Yudafoɔ a wɔwɔ Awɛmfoɔ Aban mu hɔ+ no nyinaa anim.
13 Afei meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: 14 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Gye nkrataa yi, asaase no ho nkrataa yi, deɛ wɔde ahyɛnsodeɛ atare ano ne deɛ ano da hɔ yi, na fa kɔhyɛ kukuo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkyɛ paa.’ 15 Ɛfiri sɛ deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Nkurɔfoɔ bɛtotɔ adan ne nsaase ne bobe mfuo wɔ ɔman yi mu bio.’”+
16 Berɛ a mede asaase no ho nkrataa no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ! Wo na wode wo tumi kɛseɛ no+ ne wo basa a woatene mu yɛɛ ɔsoro ne asaase. Biribiara nni hɔ a wontumi nyɛ. 18 Wo na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na wode agyanom bɔne tua wɔn mma a wɔdi wɔn akyi no ka;*+ wone nokorɛ Nyankopɔn no, Otumfoɔ ne Opumpuni no, na wo din ne asafo Yehowa. 19 W’afotuo kyɛn afotuo biara,* na wo nnwuma yɛ akɛseɛ,+ wo na w’ani hwɛ nnipa akwan nyinaa+ sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nnwuma teɛ.+ 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ wɔ Egypt asaase so, na obiara nim de bɛsi nnɛ da yi. Na wode gyee din wɔ Israel ne nnipa nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 21 Na wode nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a woatene mu ne nneɛma a ɛyɛ hu na ɛyii wo man Israel firii Egypt asaase so.+
22 “Akyire yi, wode asaase yi maa wɔn, asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 23 Na wɔba bɛfaa asaase no, nanso wɔantie wo nne, na wɔanni wo mmara so. Nneɛma a wokaa sɛ wɔnyɛ nyinaa, wɔanyɛ baako mpo; ɛno nti na woama mmusuo yi nyinaa aba wɔn so no.+ 24 Hwɛ! Mmarima de nneɛma abɛto kuro no ho akoban* sɛ wɔrebɛko afa.+ Na sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo*+ no nti, sɛdeɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ a wɔne kuro no reko no bɛfa kuro no. Deɛ wokaeɛ no nyinaa aba mu, sɛdeɛ wohu no nnɛ yi. 25 Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa, deɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ bɛfa kuro no, nanso woaka akyerɛ me sɛ, ‘Fa sika kɔtɔ asaase fa, na pɛ ho adansefoɔ.’”
26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 27 “Me Yehowa, mene nnipa* nyinaa Nyankopɔn. Biribi wɔ hɔ a ɛboro m’ahoɔden so anaa? 28 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ ne Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛfa.+ 29 Na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛbɔ awura mu, na wɔde gya bɛto kuro yi mu, na wɔbɛhye kuro no+ ne adan a nkurɔfoɔ no bɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo no.’+
30 “‘Ɛfiri sɛ bɔne nko ara na Israelfoɔ ne Yudafoɔ ayɛ wɔ m’ani so firi wɔn mmabunberɛ mu;+ Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me abufuo daa,’ Yehowa asɛm nie. 31 ‘Na saa kuro yi, ɛfiri da a wɔkyekyereeɛ de bɛsi nnɛ, abufuo nko ara na ahyɛ me,+ na ahuru me bo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛyi afiri m’anim.+ 32 Mɛyi afiri m’anim ɛsiane bɔne a Israelfoɔ ne Yudafoɔ ayɛ de ahyɛ me abufuo nyinaa nti, wɔne wɔn ahemfo+ ne wɔn mpanimfoɔ+ ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ+ ne Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 33 Wɔn akyi na wɔdane kyerɛɛ me berɛ nyinaa, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Meyɛɛ deɛ mɛtumi biara kyerɛkyerɛɛ wɔn mprɛ pii,* nanso wɔn mu biara antie mpo na ayɛ ne mu adwuma.*+ 34 Na wɔde wɔn abosom fĩ no kɔsisii efie a me din da so no mu de guu ho fĩ.+ 35 Afei nso, wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bɔn* no mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ gya mu* ama Molek.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa m’akomam da* sɛ mɛma wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa, de ama Yuda ayɛ bɔne.’
36 “Ɛno nti, wei ne deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa kuro yi ho, kuro a moka sɛ wɔnam sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo so de bɛhyɛ Babilon hene nsa no: 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so wɔ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne aniberɛ kɛseɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+ 38 Na wɔbɛyɛ me man, na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 39 Na mɛma wɔn akoma korɔ+ ne ɛkwan korɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsuro me daa, na asi wɔn yie na asi wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no nso yie.+ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam.+ Ɛne sɛ, mɛyɛ wɔn yie, na merennyae da.+ Mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho.+ 41 M’ani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie.+ Na mede m’akoma nyinaa ne me kra* nyinaa bɛdua wɔn ama wɔn ase atim wɔ asaase yi so.’”+
42 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛdeɛ mede mmusuo kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi so no, saa ara na mede adepa* a mede ahyɛ wɔn bɔ no nyinaa bɛma wɔn.+ 43 Na ɔman yi a moka sɛ: “Ayɛ amamfo, na onipa ne aboa biara nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa” no, wɔbɛsan atotɔ nsaase wɔ so bio.’+
44 “‘Wɔde sika bɛtotɔ nsaase, na wɔayeyɛ ɛho nkrataa de ahyɛnsodeɛ atetare ano, na wɔafa ho adansefoɔ afiri Benyamin asaase so,+ ne Yerusalem ho nkuro mu, ne Yuda nkuro mu,+ ne mmepɔ so nkuro mu, ne nkuro a ɛdeda fam mu,+ ne anaafoɔ nkuro mu, ɛfiri sɛ mɛsan de wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba bio,’+ Yehowa asɛm nie.”