15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
16 Sɛ mobu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo sɛ monni soɔ no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a, Yehowa abufuhyeɛ bɛba mo so,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asaase pa a ɔde ama mo yi so.”+