-
Leviticus 26:16, 17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 ɛnneɛ me nso mɛyɛ deɛ ɛdi so yi: Deɛ mede bɛtwe mo aso ne ahoyera, nsamanwa, ne atiridii, na mo ani asɛe na moahodwo.* Mobɛdua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, ɛfiri sɛ mo atamfo na wɔbɛdi.+ 17 Mɛma m’ani asa mo, na mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.+ Wɔn a wɔkyiri mo bɛtiatia mo so,+ na mobɛdwane berɛ a obiara ntaa mo so.+
-