Yosua
23 Yehowa maa Israelfoɔ no home firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam.+ Ɛno akyi nna pii a na Yosua mfeɛ akɔ animu na wabɔ akɔkoraa no,+ 2 Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa,+ mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, me mfeɛ akɔ animu, na mabɔ akɔkoraa. 3 Na mo ara moahunu deɛ mo nti Yehowa mo Nyankopɔn de yɛɛ aman yi nyinaa; Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko maa mo.+ 4 Monhwɛ, mebɔɔ ntonto+ kyɛɛ aman a aka yi ne wɔn a metuu wɔn ase no nyinaa+ nsaase maa mo.+ Mede maa mo mmusuakuo no sɛ agyapadeɛ, ɛfiri Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ* no ho wɔ atɔeɛ fam.* 5 Yehowa mo Nyankopɔn na ɔpiapiaa wɔn firii mo anim,+ na mo nti, ɔpamoo wɔn maa mofaa wɔn nsaase* sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.+
6 “Enti monnya akokoɔduro, na monhwɛ sɛ mobɛdi deɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara nwoma no+ mu nyinaa so, na mommmane nnkɔ nifa anaa benkum.+ 7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din mpo,+ mommfa wɔn din nnka ntam, monnsom wɔn, na monnkoto wɔn da.+ 8 Mmom, momfa mo ho mmata Yehowa mo Nyankopɔn ho,+ sɛdeɛ moayɛ de abɛsi nnɛ da yi. 9 Yehowa bɛpamo aman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim;+ ɛfiri sɛ ɛde bɛsi nnɛ, onipa biara ntumi nnyinaa mo anim.+ 10 Mo mu baako pɛ bɛti nnipa apem,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.+ 11 Enti monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na ama mo ani ada hɔ berɛ nyinaa.*+
12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnneɛ monhunu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo* aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu, akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
14 “Hwɛ! Merebɛwu,* na monim mo akoma nyinaa mu ne mo kra* nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.+ 15 Na sɛdeɛ nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome a ɔkaa sɛ ɔde bɛba mo so no nyinaa bɛba akɔsi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.+ 16 Sɛ mobu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo sɛ monni soɔ no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a, Yehowa abufuhyeɛ bɛba mo so,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asaase pa a ɔde ama mo yi so.”+