Yosua
22 Afei Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moadi deɛ Yehowa akoa Mose hyɛɛ mo nyinaa so,+ na me nso, deɛ mahyɛ mo nyinaa, moadi so.+ 3 Berɛ tenten yi nyinaa, moannya mo nuanom hɔ de bɛsi nnɛ;+ na moadi Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so.+ 4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mobɛtumi asan akɔ mo ntomadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+ 5 Na monhwɛ nni ahyɛdeɛ ne Mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so.+ Deɛ ɛbɛma moayɛ saa ne sɛ mobɛdɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ mobɛfa n’akwan nyinaa so,+ mobɛdi n’ahyɛdeɛ so,+ mode mo ho bɛbata ne ho,+ na mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa asom no.”+
6 Afei Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu. 7 Mose maa Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ wɔ Basan,+ na abusuakuo no fã a aka no ne wɔn nuanom nso, Yosua maa wɔn asaase wɔ Yordan atɔeɛ fam.+ Afei nso, berɛ a Yosua regya wɔn kwan ama wɔakɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyadeɛ ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne kɔbere ne nnadeɛ ne ntaadeɛ bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ nneɛma a monya firii mo atamfo hɔ wɔ ɛko mu no.”+
9 Afei Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ne Israelfoɔ a aka no dii mpaapaemu, na wɔfirii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka maa wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ a wɔbɛtena so no.+ 10 Berɛ a wɔduruu Yordan mantam mu wɔ Kaanan asaase so no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sii afɔrebukyia wɔ Yordan ho. Ná ɛyɛ afɔrebukyia kɛseɛ paa. 11 Akyire yi, Israelfoɔ a aka no tee sɛ wɔreka sɛ:+ “Hwɛ! Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no asi afɔrebukyia wɔ Yordan mpɔtamu, Kaanan hyeɛ so, wɔ Israelfoɔ no afã hɔ.” 12 Berɛ a Israelfoɔ no teeɛ no, Israel asafo no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ Silo+ sɛ wɔne wɔn rekɔko.
13 Na Israelfoɔ somaa ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanimfoɔ du ka ne ho; wɔyii ɔpanin baako firii Israel agyanom abusuakuo biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fie ano, Israel apem apem* mu.+ 15 Berɛ a wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
16 “Yehowa asafo no nyinaa se yɛmmisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moayɛ adebɔne yi+ atia Israel Nyankopɔn? Moasi afɔrebukyia de ate atua atia Yehowa, na monam so atwe mo ho afiri Yehowa ho ɛnnɛ da yi.+ 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no, ɛno ara nnɔɔso mma yɛn anaa? Ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so, na ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, yɛntetee yɛn ho mfirii ɔhaw no ho.+ 18 Ɛnna nnɛ nso mopɛ sɛ modane firi Yehowa akyi? Sɛ mote atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.+ 19 Sɛ asaase a wɔde ama mo no na ɛho agu fĩ a, ɛnneɛ montwa mmra Yehowa asaase so,+ baabi a Yehowa som ntomadan si no,+ na mommɛtena yɛn nkyɛn. Monnte atua nntia Yehowa, na monnsi afɔrebukyia foforɔ nnka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho, na amma yɛannane atuatefoɔ.+ 20 Berɛ a Sera ba Akan+ faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no, ɛnyɛ Israel asafo no nyinaa na ɛho abufuo baa wɔn so?+ Ɔno nko ara anwu wɔ ne bɔne no ho.’”+
21 Ɛnna Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ka kyerɛɛ wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano no sɛ:+ 22 “Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!* Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!+ Ɔno na ɔnim, na Israel nso bɛhunu. Yehowa, sɛ yɛate atua anaa yɛayɛ adebɔne bi atia wo a, ɛnneɛ, nnye yɛn nnɛ da yi. 23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia fae sɛ yɛde retwe yɛn ho afiri Yehowa ho, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so a, ɛnneɛ Yehowa bɛtwe yɛn aso.+ 24 Ɛnte saa. Mmom biribi foforɔ nti na yɛyɛɛ wei. Yɛkaa no yɛn tirim sɛ, ‘Daakye bi, mo mma bɛbisa yɛn mma sɛ: “Ɛdeɛn na mo ne Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ yɛ? 25 Yehowa de Yordan ayɛ ɛhyeɛ ato yɛne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam. Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.” Ɛba saa a, mo mma bɛma yɛn mma agyae Yehowa som.’*
26 “Enti yɛkaa sɛ: ‘Momma yɛnyɛ ho biribi ɛkwan biara so; momma yɛnsi afɔrebukyia. Yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara wɔ so, 27 na mmom ɛbɛyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo ne yɛn asefoɔ* a wɔbɛba wɔ yɛn akyi no ntam+ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔreɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ a aka bɛba Yehowa anim abɛsom no,+ na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: “Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”’ 28 Enti yɛkaa sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka saa kyerɛ yɛne yɛn asefoɔ* a, yɛbɛka sɛ: “Monhwɛ Yehowa afɔrebukyia nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ. Ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara nti na wɔyɛeɛ, na mmom wɔyɛɛ sɛ ɛnyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo ntam.”’ 29 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛte atua atia Yehowa na yɛatwe yɛn ho afiri Yehowa ho+ akɔsi afɔrebukyia foforɔ na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara wɔ so berɛ a Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne som ntomadan anim no wɔ hɔ!”+
30 Berɛ a ɔsɔfoɔ Finehas ne asafo no mu mpanimfoɔ ne wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Ruben asefoɔ ne Gad asefoɔ ne Manase asefoɔ kaeɛ no, ɛtɔɔ wɔn asom.+ 31 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ka kyerɛɛ Ruben asefoɔ ne Gad asefoɔ ne Manase asefoɔ no sɛ: “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Yehowa wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ moanyɛ wei sɛ mode resɔre atia Yehowa. Seesei Yehowa rentwe Israelfoɔ aso.”*
32 Afei ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ne mpanimfoɔ no ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no dii mpaapaemu wɔ Gilead asaase so, na wɔsan baa Israelfoɔ a aka no nkyɛn wɔ Kaanan asaase so bɛbɔɔ wɔn amanneɛ. 33 Asɛm no tɔɔ Israelfoɔ no asom. Enti Israelfoɔ no yii Onyankopɔn ayɛ, na wɔanka bio sɛ wɔne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ bɛkɔ akɔko na wɔasɛe asaase a wɔte so no.
34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din,* ɛfiri sɛ “ɛyɛ adanseɛ wɔ yɛn ntam sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.”