13 Na Israelfoɔ somaa ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanimfoɔ du ka ne ho; wɔyii ɔpanin baako firii Israel agyanom abusuakuo biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fie ano, Israel apem apem mu.+