Yosua
22 Afei Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moadi deɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo nyinaa so,+ na me nso moayɛ aso ama me wɔ biribiara mu.+ 3 Saa nna dodoɔ yi nyinaa+ moannya mo nuanom de bɛsi nnɛ, na moadi Yehowa mo Nyankopɔn mmara nsɛm so.+ 4 Seesei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti monsan nkɔ mo ntomadan mu, asase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya no so.+ 5 Na monhwɛ nni ahyɛdeɛ+ ne mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so; monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na momfa n’akwan so+ nni n’ahyɛdeɛ so,+ na momfa mo ho mfam ne ho,+ na momfa mo akoma nyinaa+ ne mo kra nyinaa+ nsom no.”+
6 Afei Yosua hyiraa+ wɔn na ɔgyaa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ wɔn ntomadan mu. 7 Mose de Basan maa Manase abusuakuo fã no,+ na Yosua nso maa abusuakuo no fã a aka no ne wɔn nuanom nyinaa agyapadeɛ wɔ Yordan atɔeɛ fam.+ Berɛ a Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn nso. 8 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyadeɛ ne nyɛmmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne nnadeɛ ne ntadeɛ a ɛdɔɔso paa nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ asadeɛ+ a monya firii mo atamfo hɔ no.”
9 Afei Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ne Israelfoɔ a aka no dii mpaepaemu, na wɔfirii Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no de wɔn ani kyerɛɛ Gilead+ asase so, agyapadeɛ a Yehowa nam Mose so de maa wɔn sɛ wɔntena soɔ no.+ 10 Berɛ a wɔduruu Yordan mantam mu wɔ Kanaan asase soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sii afɔrebukyia wɔ Yordan ho. Ná ɛyɛ afɔrebukyia+ kɛseɛ soronko bi. 11 Akyire yi, Israelfoɔ a aka no tee+ sɛ wɔrekeka sɛ: “Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no asi afɔrebukyia wɔ Yordan mpɔtamu, Kanaan hyeɛ so, Israelfoɔ no afã hɔ.” 12 Berɛ a Israelfoɔ no teeɛ no, Israel asafo no nyinaa+ boaboaa wɔn ano wɔ Silo+ sɛ wɔne wɔn rekɔko.+
13 Na Israelfoɔ somaa+ ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asase so, 14 na wɔde mpanimfoɔ du kaa ne ho. Wɔyii ɔpanin baako firii Israel agyanom abusuakuo biara mu. Yeinom na wɔdeda wɔn agyanom fie ano, Israel mpempem mu.+ 15 Berɛ a wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asase soɔ no, wɔde too wɔn anim+ sɛ:
16 “Yehowa asafo no nyinaa+ se yɛmmisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moayɛ adebɔne+ yi atia Israel Nyankopɔn, na moadane+ afiri Yehowa akyi akɔsi afɔrebukyia?+ Ɛnyɛ atua na moate atia Yehowa nnɛ yi? 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor+ a ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so a ɛde bɛsi nnɛ yɛntumi ntee yɛn ho yi nnɔɔso?+ 18 Ɛnnɛ nso moasi mo bo sɛ mobɛdane afiri Yehowa akyi. Monhunu sɛ sɛ mote atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena Israel asafo no nyinaa na ɛbɛsoa n’abufuo.+ 19 Sɛ asase a wɔde ama mo no ho agu fĩ+ a, ɛnneɛ mommra mmɛtena yɛn nkyɛn wɔ Yehowa asase+ so, baabi a Yehowa ntomadan sie no.+ Sɛ mosi afɔrebukyia foforɔ ka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho a, na morete atua atia Yehowa,+ na yɛn nyinaa bɛdane atuatefoɔ. Monnyɛ saa! 20 Ɛnyɛ Sera ba Akan+ na ɔfaa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no? Nso ɛnyɛ Israel asafo no nyinaa na wɔsoaa ɛho abufuo?+ Ɔno nko ara anwu ne bɔne no mu.’”+
21 Ɛnna Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ka kyerɛɛ+ Israel mpempem so mpanimfoɔ no sɛ:+ 22 “Tweaduampɔn+ Nyankopɔn+ Yehowa, Tweaduampɔn Nyankopɔn Yehowa+ na ɔnim,+ na Israel nso bɛhunu.+ Sɛ yɛate atua+ anaa yɛayɛ adebɔne bi atia wo Yehowa+ a, ɛnneɛ, nnye yɛn nnɛ. 23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia no sɛ yɛde redane afiri Yehowa akyi, anaasɛ yɛsii sɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so a, ɛnneɛ Yehowa no ara bɛbisa ho asɛm.+ 24 Ɛnyɛ biribi a yɛsuro nti na yɛyɛɛ yei? Yɛkaa no yɛn tirim sɛ, ‘Daakye bi mo mma bɛbisa yɛn mma sɛ: “Ɛdeɛn na mo ne Yehowa Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ? 25 Yehowa de Yordan ayɛ hyeɛ ato yɛne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam. Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”+ Ɛba saa a, mo mma bɛma yɛn mma agyae Yehowa suro.’+
26 “Enti yɛkaa sɛ: ‘Momma yɛnyɛ ho biribi; momma yɛnsi afɔrebukyia. Yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ foforɔ biara wɔ so, 27 na mmom ɛbɛyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo+ ne yɛn nkyirimma ntam sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ foforɔ a aka+ bɛba Yehowa anim abɛsom no, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: “Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”’ 28 Enti yɛkaa sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka saa kyerɛ yɛne yɛn nkyirimma a, yɛbɛka sɛ: “Monhwɛ Yehowa afɔrebukyia nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ. Ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ foforɔ biara nti na wɔyɛeɛ, na mmom wɔyɛɛ sɛ ɛnyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo ntam.”’ 29 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛhyɛ da ate atua atia Yehowa na yɛadane yɛn ho afiri Yehowa akyi+ akɔsi afɔrebukyia foforɔ aka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne ntomadan anim no ho, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa afɔdeɛ foforɔ biara wɔ soɔ!”+
30 Berɛ a ɔsɔfoɔ Finehas+ ne asafo no mu mpanimfoɔ+ ne wɔn a wɔdeda Israel mpempem ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ kaeɛ no, wɔhunuu sɛ ɛtɔ asomu. 31 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Yehowa wɔ yɛn ntam,+ ɛfiri sɛ moanyɛ yei sɛ mode resɔre atia Yehowa. Na moagye Israelfoɔ afiri Yehowa nsam.”+
32 Afei ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ne mpanimfoɔ no ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no dii mpaepaemu+ wɔ Gilead asase so, na wɔsan baa Israelfoɔ a aka no nkyɛn wɔ Kanaan asase so bɛbɔɔ wɔn amanneɛ.+ 33 Israelfoɔ no hunuu sɛ asɛm no tɔ asomu; enti Israelfoɔ no hyiraa Onyankopɔn,+ na wɔanka bio sɛ wɔne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ bɛkɔ akɔko asɛe asase a wɔte soɔ no.
34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din, ɛfiri sɛ “ɛyɛ adanseɛ wɔ yɛn ntam sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.”+