22 Wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: “Onyankopɔn, wo a woma honam nyinaa honhom,+ onipa baako bɔne nti wobɛma w’abufuo apae agu asafo yi nyinaa so?”+
7Berɛ a wɔkaa sɛ Israelfoɔ nsɛe abusudeɛ biara no, wɔanni nokorɛ, ɛfiri sɛ Sera a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no+ no bi. Na Yehowa bo fuu Israelfoɔ no dendeenden.+