1 Berɛsosɛm
21 Satan sɔre gyinaeɛ, na ɔde n’ani sii Israel so, na ɔpiapiaa+ Dawid sɛ ɔnkan Israelfoɔ. 2 Enti Dawid ka kyerɛɛ Yoab+ ne ɔman no mu atitire sɛ: “Monkɔ nkɔkan+ Israelfoɔ mfiri Beer-Seba+ nkɔsi Dan,+ na mommɛka nkyerɛ me na menhunu wɔn dodoɔ.”+ 3 Na Yoab kaa sɛ: “Yehowa mma ne man mmu mmɔ ho ɔha.+ O me wura ɔhene, wɔn nyinaa nyɛ wo nkoa anaa? Adɛn nti na me wura pɛ sɛ ɔyɛ saa?+ Adɛn nti na worebɛma asodie aba Israel soɔ?”
4 Nanso, ɔhene asɛm+ bu faa Yoab so, enti Yoab kɔ+ kɔkyinii Israel nyinaa, na ɔsan baa Yerusalem.+ 5 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ ho amanneɛbɔ brɛɛ Dawid; Israelfoɔ no dodoɔ si mmarima a wɔtwe nkrantɛ+ ɔpepem baako ne mpem ɔha, na Yuda dodoɔ si mmarima a wɔtwe nkrantɛ mpem ahanan aduɔson. 6 Na Lewi+ ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn anka ho,+ ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no abufu.
7 Asɛm yi yɛɛ nokorɛ Nyankopɔn ani so bɔne,+ enti ɔtenee ne nsa kaa Israel. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn sɛ: “Adeɛ a mayɛ yi deɛ, mayɛ bɔne+ kɛse. Na afei, mepa wo kyɛw, ma w’akoa bɔne ntwam nkɔ,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gad+ a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ+ no sɛ: 10 “Kɔ, na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Nneɛma mmiɛnsa na mede resi w’anim.+ Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 11 Ɛnna Gad siim kɔɔ Dawid anim+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yi deɛ wopɛ, 12 mfeɛ mmiɛnsa kɔm;+ anaa abosome mmiɛnsa a mo atamfo de bɛpra mo akorɔ+ ama wɔn nkrantɛ anya mo; anaa Yehowa nkrantɛ a ɛbɛba mo so nnansa+ ama ɔyaredɔm+ aba asase no soɔ, na Yehowa bɔfoɔ de ɔsɛeɛ+ aba Israel asase nyinaa soɔ.’ Afei ma me mmuaeɛ nkɔma Deɛ ɔsomaa me no.” 13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto yie. Mesrɛ wo, ma menhwe Yehowa nsam+ mmom, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii,+ na onipa nsam deɛ, mma mennhwe.”+
14 Enti Yehowa de yaredɔm+ baa Israel maa nnipa mpem aduɔson totɔɔ+ Israel. 15 Afei nso, nokorɛ Nyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ.+ Berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔresɛe hɔ ara pɛ, Yehowa hunuiɛ na mmusuo a ɛbaeɛ no yɛɛ no mmɔbɔ,+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔredi awuo no sɛ: “Ayɛ yie!+ Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Ornan ayuporobea+ no nkyɛn.
16 Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu Yehowa bɔfoɔ+ no sɛ ɔgyina ɔsoro ne asase ntam atwe ne nkrantɛ+ akura ne nsam, na ɔde akyerɛ Yerusalem soɔ. Ntɛm ara na Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira atweaatam+ no de wɔn anim butubutuu fam.+ 17 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn sɛ: “Ɛnyɛ me mmom na mekaa sɛ wɔnkan ɔman no, na ɛnyɛ me na mafom na mayɛ amumuyɔdeɛ?+ Nnwan+ yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? O Yehowa me Nyankopɔn, mesrɛ wo, me mmom na tene wo nsa wɔ me soɔ, me ne me papa fie, na ɛnyɛ wo man+ na ɛsɛ sɛ wode ɔhaw ba wɔn soɔ.”
18 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad+ sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid na Dawid nkɔsi afɔrebukyia mma Yehowa wɔ Yebusini Ornan ayuporobea+ hɔ. 19 Na Dawid kɔɔ sɛdeɛ Gad asɛm a ɔkaa no Yehowa din mu no teɛ.+ 20 Saa berɛ no, Ornan+ twaa n’ani na ɔhunuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma nnan a wɔka ne ho no kɔhuntaeɛ. Ná Ornan reporo ayuo. 21 Ɛnna Dawid kɔɔ baabi a Ornan wɔ no. Berɛ a Ornan maa n’ani soɔ a ɔhunuu Dawid+ no, ntɛm ara na ɔfirii ayuporobea hɔ, na ɔde n’anim kɔbutuu fam wɔ Dawid anim. 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Fa ayuporobea no ma me na mensi afɔrebukyia wɔ hɔ mma Yehowa. Ka ne boɔ+ kyerɛ me ma mentua ka+ na ɔhaw+ no mfiri ɔman no so.” 23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede kyɛ wo;+ ma me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛyɛ n’ani soɔ. Hwɛ, mɛma wo anantwie+ a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ayuporeɛ+ adeɛ a wode bɛyɛ nnyina+ ne ayuo a wode bɛbɔ aduane afɔdeɛ. Mede ne nyinaa ma wo.”+
24 Nanso, Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Dabi, tɔ na mɛtɔ atua ho ka nyinaa,+ na meremfa deɛ ɛyɛ wo dea nkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa a merentua ka.” 25 Enti Dawid karii sika nnwetɛbena ahansia maa Ornan de tɔeɛ.+ 26 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Ɔmaa ne nne so frɛɛ Yehowa+ na afei ɔgyee ne so, na ɔtɔɔ gya+ firi soro bɛguu ɔhyeɛ afɔdeɛ no so. 27 Afei nso Yehowa kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ+ no maa no san de ne nkrantɛ no hyɛɛ ne bɔha mu. 28 Berɛ a Dawid hunuu sɛ Yehowa atie no wɔ Yebusini Ornan ayuporobea hɔ no, ɔkɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ.+ 29 Saa berɛ no, na Yehowa ntomadan a Mose yɛɛ no serɛ so ne afɔrebukyia a wɔbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon+ no. 30 Ná Dawid ntumi nkɔɔ hɔ nkɔbisaa Onyankopɔn hɔ biribi ɛfiri sɛ na ɔsuro+ Yehowa bɔfoɔ no nkrantɛ no.