Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 21
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Dawid yɛɛ asoɔden kan ɔmanfoɔ no (1-6)

      • Yehowa twee wɔn aso (7-17)

      • Dawid sii afɔrebukyia (18-30)

1 Berɛsosɛm 21:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔsɔretiafoɔ bi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:1-3

1 Berɛsosɛm 21:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:16
  • +Ate 18:29; 2Sa 17:11

1 Berɛsosɛm 21:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:4, 8

1 Berɛsosɛm 21:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:9

1 Berɛsosɛm 21:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 1:47
  • +1Be 27:23, 24

1 Berɛsosɛm 21:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 12:13
  • +Dw 25:11; 51:1
  • +2Sa 24:10-14

1 Berɛsosɛm 21:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:29

1 Berɛsosɛm 21:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:26
  • +Le 26:14, 17
  • +2Ah 19:35
  • +Le 26:25

1 Berɛsosɛm 21:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mma mennhwe onipa nsam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:9
  • +Ex 34:6; Dw 51:1; Yes 55:7; Kwa 3:22

1 Berɛsosɛm 21:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:46
  • +2Sa 24:15, 16

1 Berɛsosɛm 21:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “awerɛhoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 32:14; De 32:36
  • +Dw 90:13
  • +2Sa 5:6
  • +2Be 3:1

1 Berɛsosɛm 21:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 22:31; Yos 5:13
  • +2Ah 19:1
  • +2Sa 24:17

1 Berɛsosɛm 21:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 51:4
  • +Ex 32:12; Nu 16:22

1 Berɛsosɛm 21:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:11
  • +2Sa 24:18-23; 2Be 3:1

1 Berɛsosɛm 21:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Fa ayuporobea no ma me.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:8

1 Berɛsosɛm 21:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 28:27

1 Berɛsosɛm 21:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:24, 25

1 Berɛsosɛm 21:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

1 Berɛsosɛm 21:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:25
  • +Le 9:23, 24; 1Ah 18:38; 2Be 7:1

1 Berɛsosɛm 21:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 24:16; Dw 103:20

1 Berɛsosɛm 21:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 1Be 16:39; 2Be 1:3

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Be. 21:12Sa 24:1-3
1 Be. 21:22Sa 8:16
1 Be. 21:2Ate 18:29; 2Sa 17:11
1 Be. 21:42Sa 24:4, 8
1 Be. 21:52Sa 24:9
1 Be. 21:6Nu 1:47
1 Be. 21:61Be 27:23, 24
1 Be. 21:82Sa 12:13
1 Be. 21:8Dw 25:11; 51:1
1 Be. 21:82Sa 24:10-14
1 Be. 21:91Be 29:29
1 Be. 21:12Le 26:26
1 Be. 21:12Le 26:14, 17
1 Be. 21:122Ah 19:35
1 Be. 21:12Le 26:25
1 Be. 21:132Be 28:9
1 Be. 21:13Ex 34:6; Dw 51:1; Yes 55:7; Kwa 3:22
1 Be. 21:14Nu 16:46
1 Be. 21:142Sa 24:15, 16
1 Be. 21:15Ex 32:14; De 32:36
1 Be. 21:15Dw 90:13
1 Be. 21:152Sa 5:6
1 Be. 21:152Be 3:1
1 Be. 21:16Nu 22:31; Yos 5:13
1 Be. 21:162Ah 19:1
1 Be. 21:162Sa 24:17
1 Be. 21:17Dw 51:4
1 Be. 21:17Ex 32:12; Nu 16:22
1 Be. 21:182Sa 24:11
1 Be. 21:182Sa 24:18-23; 2Be 3:1
1 Be. 21:22Nu 25:8
1 Be. 21:23Yes 28:27
1 Be. 21:242Sa 24:24, 25
1 Be. 21:26Ex 20:25
1 Be. 21:26Le 9:23, 24; 1Ah 18:38; 2Be 7:1
1 Be. 21:272Sa 24:16; Dw 103:20
1 Be. 21:291Ah 3:4; 1Be 16:39; 2Be 1:3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Berɛsosɛm 21:1-30

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan

21 Ɛnna Satan* tuu n’ani sii Israel so, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israelfoɔ.+ 2 Enti Dawid ka kyerɛɛ Yoab+ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ: “Monkɔkan Israelfoɔ mfiri Beer-Seba nkɔsi Dan,+ na mommɛka wɔn dodoɔ nkyerɛ me.” 3 Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Yehowa mma ne man mmu mmɔ ho 100! Me wura ɔhene, wɔn nyinaa nyɛ wo nkoa anaa? Adɛn nti na me wura pɛ sɛ ɔyɛ saa? Adɛn nti na worebɛma asodie aba Israel so?”

4 Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab deɛ so, enti Yoab kɔkyinii Israel nyinaa, na ɔsan baa Yerusalem.+ 5 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ brɛɛ Dawid; wɔnyaa Israel mmarima a wɔde sekan kɔ ɛko 1,100,000, na Yuda nso, wɔnyaa mmarima a wɔde sekan kɔ ɛko 470,000.+ 6 Lewifoɔ ne Benyaminfoɔ deɛ, wɔankan wɔn anka ho,+ ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab abufu.+

7 Nokorɛ Nyankopɔn no ani annye asɛm no ho koraa, enti ɔtwee Israel aso. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Adeɛ a mayɛ yi deɛ, mayɛ bɔne+ kɛseɛ. Na afei, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gad+ a ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma Dawid no sɛ: 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mede nneɛma mmiɛnsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’” 11 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yi deɛ wopɛ: 12 mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm+ bɛba, anaa abosome mmiɛnsa a mo atamfo de bɛpra mo akɔ na wɔn sekan anya mo,+ anaasɛ Yehowa sekan a ɛbɛba mo so nnansa ama Yehowa bɔfoɔ de ɔsɛeɛ aba+ Israel asaase nyinaa so, kyerɛ sɛ, nsanyareɛ a ɛdi awuo a ɛbɛba asaase no so.’+ Afei dwene ho na ma me mmuaeɛ nkɔma deɛ ɔsomaa me no.” 13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe m’aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso, ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii.”+

14 Enti Yehowa de nsanyareɛ a ɛdi awuo+ baa Israel maa Israelfoɔ 70,000 wuwuiɛ.+ 15 Afei nso, nokorɛ Nyankopɔn no somaa ɔbɔfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔkunkum ɛhɔfoɔ. Berɛ a Yehowa huu sɛ ɔrebɛfiri aseɛ no, mmusuo a ɛreba no yɛɛ no mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a wɔayi no sɛ ɔnkunkum ɛhɔfoɔ no sɛ: “Ayɛ yie!+ Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Ornan ayuporobea+ no nkyɛn.

16 Dawid maa n’ani so, na ɔhuu Yehowa bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔsoro ne asaase ntam atwe sekan akura+ ne nsam na ɔde akyerɛ Yerusalem so. Saa berɛ no, na Dawid ne mpanimfoɔ no firafira awerɛhoɔ ntoma,*+ na ntɛm ara na wɔgyaa wɔn ho hwee hɔ de wɔn anim butubutuu fam.+ 17 Dawid ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Ɛnyɛ me mmom na mekaa sɛ wɔnkan ɔman no? Me na mafom na mayɛ bɔne;+ nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? O Yehowa me Nyankopɔn, mesrɛ wo, me mmom na tene wo nsa wɔ me so; me ne me papa fie. Wo man deɛ, mfa ɔhaw yi mma wɔn so.”+

18 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Gad+ sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid sɛ ɔnkɔsi afɔrebukyia mma Yehowa wɔ Yebusini+ Ornan ayuporobea hɔ. 19 Enti Dawid tiee asɛm a Gad kaa no Yehowa din mu no, na ɔkɔeɛ. 20 Saa berɛ no, na Ornan reporo hwiit; ɔtwaa n’ani no, ɔhuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma nnan a wɔka ne ho no kɔhintaeɛ. 21 Berɛ a Dawid kɔtoo Ornan no, ɔmaa n’ani so huu Dawid, na ntɛm ara na Ornan firii ayuporobea hɔ, na ɔde n’anim kɔbutuu fam wɔ Dawid anim. 22 Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Tɔn ayuporobea no ma me* na mensi afɔrebukyia wɔ hɔ mma Yehowa. Ka ne boɔ nyinaa kyerɛ me ma mentua ka sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo no bɛfiri ɔman no so.”+ 23 Ɛnna Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede kyɛ wo; ma me wura ɔhene mfa nyɛ deɛ ɔpɛ biara.* Hwɛ, mɛma wo anantwie a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, ayuoporo adeɛ+ a wode bɛsɔ gya, ne hwiit a wode bɛbɔ aduane afɔreɛ. Mede ne nyinaa ma wo.”

24 Nanso, Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ho ka nyinaa, na meremfa deɛ ɛyɛ wo deɛ nkɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa a merentua hwee.”+ 25 Enti Dawid karii sika kɔkɔɔ nnwetɛbena* 600 maa Ornan de tɔɔ asaase no. 26 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so. Ɔsu frɛɛ Yehowa na ɔgyee no so, na ɔtɔɔ gya+ firii soro bɛguu ɔhyeɛ afɔrebukyia no so maa no hyee afɔrebɔdeɛ no. 27 Afei Yehowa kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no+ maa no san de ne sekan no hyɛɛ ne bɔha* mu. 28 Berɛ a Dawid huu sɛ Yehowa atie no wɔ Yebusini Ornan ayuporobea hɔ no, ɔkɔɔ so bɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ. 29 Yehowa ntomadan a Mose yɛɛ wɔ serɛ so no ne afɔrebukyia a na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no deɛ, saa berɛ no, na ɛwɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no. 30 Nanso na Dawid ntumi nkɔɔ hɔ nkɔbisaa Onyankopɔn hɔ biribi, ɛfiri sɛ na ɔsuro Yehowa bɔfoɔ no sekan no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane