16 Na ɔbɔfoɔ+ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔresɛe hɔ. Na mmusuo a ɛbaeɛ no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yie! Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Arauna+ ayuporobea no nkyɛn.