2 Samuel
24 Na Yehowa bo fuu Israel bio,+ ɛfiri sɛ obi piapiaa Dawid tiaa wɔn sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.” 2 Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafoɔ so panin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Kɔkyinkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no,+ na menhunu ɔman no dodoɔ.”+ 3 Nanso Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho ɔha na me wura ɔhene ani nhunu. Na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ yei?”+
4 Nanso, ɔhene asɛm bu faa+ Yoab ne asahene no so. Enti Yoab ne asahene no firii ɔhene anim kɔ kɔkanee+ Israel man no. 5 Wɔkɔtwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kuro a ɛda subɔn mu no nifa so, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfoɔ+ asase so kɔɔ Yaser.+ 6 Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asase so, na wɔtoaa so kɔduruu Dan-Yaan, na wɔdanee wɔn ani kɔɔ Sidon.+ 7 Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kuro a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifoɔ+ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu, na wɔkɔwiee wɔ Negeb+ kuro Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asase soɔ no mu. 8 Enti wɔkyinkyinii asase no nyinaa so, na abosome nkron ne adaduonu akyi no, wɔsan baa Yerusalem. 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ ho amanneɛbɔ+ brɛɛ ɔhene; Israel dodoɔ si mmarima a wɔtwe nkrantɛ mpem ahanwɔtwe, na Yuda dodoɔ si mmarima mpem ahanum.+
10 Berɛ a Dawid kan ɔman no wieeɛ no, n’akoma firii aseɛ bɔeɛ.+ Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Adeɛ a mayɛ yi deɛ, mayɛ bɔne+ kɛseɛ. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, ma w’akoa bɔne ntwam nkɔ,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11 Berɛ a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa asɛm baa odiyifoɔ Gad+ a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ+ no nkyɛn sɛ: 12 “Kɔ, na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Nneɛma mmiɛnsa na mede resi w’anim.+ Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13 Ɛnna Gad siim kɔɔ Dawid anim kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mfeɛ nson kɔm na memfa mmra w’asase soɔ+ anaa abosome mmiɛnsa a w’atamfo bɛtaa wo soɔ ama woadwane wɔn anim+ anaa nnansa a yaredɔm bɛba w’asase soɔ?+ Afei hwɛ na kyerɛ mmuaeɛ a memfa nkɔma Deɛ ɔsomaa me no.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto yie. Mesrɛ wo, ma yɛnhwe Yehowa nsam mmom,+ na ne mmɔborɔhunu dɔɔso,+ na onipa nsam deɛ, mma mennhwe.”+
15 Enti Yehowa de yaredɔm+ baa Israel so firi anɔpa no kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, maa nnipa mpem aduɔson wuwuiɛ,+ ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba.+ 16 Na ɔbɔfoɔ+ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔresɛe hɔ. Na mmusuo a ɛbaeɛ no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yie! Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Arauna+ ayuporobea no nkyɛn.
17 Berɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no, ɔne Yehowa kasaeɛ, na ɔkaa sɛ: “Me na mafom, na me na mayɛ amumuyɔdeɛ. Nnwan+ yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na tene wo nsa wɔ me soɔ,+ me ne me papa fie.”
18 Akyire yi, Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ Yebusini Arauna ayuporobea+ hɔ na kɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa.” 19 Na Dawid foro kɔeɛ sɛdeɛ Gad asɛm a Yehowa hyɛeɛ no teɛ.+ 20 Berɛ a Arauna hwɛeɛ na ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna firii adi de n’anim kɔbutuu+ fam ɔhene anim.+ 21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Mebaa sɛ merebɛtɔ+ ayuporobea yi afiri wo hɔ na masi afɔrebukyia wɔ so ama Yehowa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔhaw+ no bɛfiri ɔman no soɔ.” 22 Nanso Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa,+ na ɔmmɔ afɔdeɛ biara a ɛyɛ wɔ n’ani soɔ wɔ so. Hwɛ, anantwie a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ayuporeɛ adeɛ ne anantwie no ho nneɛma a wode bɛyɛ nnyina nie.+ 23 O ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene.” Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.”+
24 Nanso, ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Dabi, tɔ na mɛtɔ atua ho ka,+ na meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa a merentua ka.”+ Enti Dawid tɔɔ+ ayuporobea no ne anantwie no tuaa nnwetɛbena aduonum. 25 Na Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Yehowa tiee+ asase no ho sufrɛ, na ɔhaw no firii Israel so.