14 Teaseɛnam no duruu Bet-Semesni Yosua afuo mu, na ɛgyinaa hɔ, baabi a ɛboɔ kɛseɛ bi wɔ no. Wɔpaepaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwie+ no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa.+
21 Enti ɔsan firii n’akyi, na ɔfaa anantwie no mmienu kuu*+ wɔn, na ɔde nnua a na ɛsosɔ+ anantwie no mu yɛɛ nnyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfoɔ no maa wɔdiiɛ. Ɛno akyi no, ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom+ no.
23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede kyɛ wo;+ ma me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛyɛ n’ani soɔ. Hwɛ, mɛma wo anantwie+ a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ayuporeɛ+ adeɛ a wode bɛyɛ nnyina+ ne ayuo a wode bɛbɔ aduane afɔdeɛ. Mede ne nyinaa ma wo.”+