Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
24 Yehowa bo fuu Israel bio,+ ɛfiri sɛ obi piapiaa Dawid sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.”+ 2 Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafoɔ so panin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔkyinkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no, na mommɛka ɔman no dodoɔ nkyerɛ me.” 3 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho 100, na me wura ɔhene mfa n’ani nhunu. Adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ saa?”
4 Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab ne asahene no deɛ so. Enti Yoab ne asahene no firii ɔhene anim kɔeɛ, na wɔkɔkan Israel man no.+ 5 Wɔkɔtwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kuro a ɛda bɔn mu no nifa so,* ɛnna wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfoɔ asaase so kɔɔ Yaser.+ 6 Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asaase so, na wɔtoaa so kɔduruu Dan-Yaan, na wɔtwaam kɔɔ Sidon.+ 7 Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kuro a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifoɔ+ ne Kaananfoɔ nkuro nyinaa mu, na wɔkɔwiee wɔ Negeb+ kuro Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so no mu. 8 Enti wɔkyinkyinii asaase no nyinaa so, na abosome nkron ne nnafua 20 akyi no, wɔsan baa Yerusalem. 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ brɛɛ ɔhene; wɔnyaa Israel mmarima akantinka a wɔde sekan kɔ ɛko 800,000, na Yuda nso, wɔnyaa mmarima 500,000.+
10 Berɛ a Dawid kan ɔman no wieeɛ no, n’akoma buu no fɔ.*+ Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Adeɛ a mayɛ yi deɛ, mayɛ bɔne+ kɛseɛ. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11 Berɛ a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Gad+ a ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma Dawid no sɛ: 12 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mede nneɛma mmiɛnsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Memfa ɛkɔm mmra w’asaase so mfeɛ nson?+ Anaa memma w’atamfo ntaa wo so na dwane firi wɔn anim abosome mmiɛnsa?+ Anaa memma nsanyareɛ a ɛdi awuo mmra w’asaase so nnansa?+ Afei dwene ho yie na ma me mmuaeɛ nkɔma deɛ ɔsomaa me no.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe yɛn aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso,+ ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso.”+
15 Enti Yehowa de nsanyareɛ a ɛdi awuo baa Israel so+ firi anɔpa no kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ nnipa 70,000 wuwuiɛ.+ 16 Berɛ a ɔbɔfoɔ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔrekɔkunkum ɛhɔfoɔ no, mmusuo a ɛreba no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yie! Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Arauna+ ayuporobea no nkyɛn.
17 Berɛ a Dawid huu ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me na mafom na mayɛ bɔne; nnwan+ yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na tene wo nsa wɔ me so; me ne me papa fie.”+
18 Enti Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ na kɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa.”+ 19 Enti Dawid tiee asɛm a Yehowa nam Gad so kaeɛ no, na ɔkɔeɛ. 20 Berɛ a Arauna maa n’ani so huu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna firii hɔ de n’anim kɔbutuu fam wɔ ɔhene anim. 21 Arauna bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Maba sɛ merebɛtɔ ayuporobea yi afiri wo hɔ na masi afɔrebukyia wɔ ha ama Yehowa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo no bɛfiri ɔman no so.”+ 22 Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔreɛ biara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ* wɔ so. Hwɛ, anantwie a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne ayuoporo adeɛ ne anantwie no ho nneɛma a wode bɛsɔ gya nie. 23 O ɔhene, nneɛma yi nyinaa Arauna de ma ɔhene.” Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn nhyira wo.”
24 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ka, na meremmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa a merentua hwee.” Enti Dawid tɔɔ ayuporobea no ne anantwie no tuaa nnwetɛbena* 50.+ 25 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so. Na Yehowa tiee ne sufrɛ, na ɔhuu asaase no mmɔbɔ+ maa mmusuo no firii Israel so.