-
1 Berɛsosɛm 21:24-28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Nanso, Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ho ka nyinaa, na meremfa deɛ ɛyɛ wo deɛ nkɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa a merentua hwee.”+ 25 Enti Dawid karii sika kɔkɔɔ nnwetɛbena* 600 maa Ornan de tɔɔ asaase no. 26 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so. Ɔsu frɛɛ Yehowa na ɔgyee no so, na ɔtɔɔ gya+ firii soro bɛguu ɔhyeɛ afɔrebukyia no so maa no hyee afɔrebɔdeɛ no. 27 Afei Yehowa kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no+ maa no san de ne sekan no hyɛɛ ne bɔha* mu. 28 Berɛ a Dawid huu sɛ Yehowa atie no wɔ Yebusini Ornan ayuporobea hɔ no, ɔkɔɔ so bɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ.
-