2 Samuel
23 Yeinom ne Dawid nsɛm a ɛtwa toɔ:+
“Yese ba+ Dawid nsɛm,
Ɔbarima a wɔmaa ne soɔ,+
Deɛ Yakob Nyankopɔn asra no,+
Deɛ wɔtoo ne ho dwom dɛdɛ+ wɔ Israel no nsɛm nie.
3 Israel Nyankopɔn kaeɛ,
Israel Botan no kasa kyerɛɛ me sɛ,+
‘Sɛ deɛ ɔdi adasamma soɔ no tene,+
Na ɔdi hene Onyankopɔn suro mu+ a,
4 Ɛte sɛ anɔpa hann, berɛ a awia pue,+
Anɔpa a mununkum nni hɔ.
Nsuo atɔ awie no, awia hyerɛn, na wura fifi asase so.’+
5 Ɛnyɛ saa na me fie teɛ Onyankopɔn ani so+ anaa?
Ɛfiri sɛ ɔne me ayɛ daa apam,+
Na watoto ho biribiara pɛpɛɛpɛ.+
Ɛfiri sɛ ɛno ne me nkwagyeɛ+ nyinaa ne m’anigyeɛ nyinaa.
Ɛnyɛ ɛno nti na ɔbɛma no anyini?+
8 Dawid nnɔmmarima+ no din nie: Takemoni Yoseb-Basebet+ a ɔyɛ mmiɛnsa no so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahanwɔtwe da koro. 9 Ahohi ba Dodo+ ba Eleasar+ na ɔdi hɔ. Ɔka nnɔmmarima mmiɛnsa a na wɔne Dawid nam a wɔkɔtwaa Filistifoɔ no mpoa no ho. Ná wɔaboaboa wɔn ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, enti Israel mmarima san wɔn akyi.+ 10 Ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsa gyeneeɛ, nso na ne nsa fam ne nkrantɛ no ho+ ma enti Yehowa de nkonimdie kɛseɛ gyee ɔman no+ saa da no; ɔman no deɛ, deɛ wɔyɛeɛ ara ne sɛ wɔdii akyire yiyii wɔn a wakunkum wɔn no ho nneɛma.+
11 Deɛ ɔdi ne soɔ ne Hararini Agee ba Samma.+ Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ Lehi; ná asase bi da hɔ a asedua+ pii wɔ soɔ, na Filistifoɔ no nti, na ɔman no adwane. 12 Na ɔte gyinaa asase no mfimfini ko gyeeɛ; ɔkunkum Filistifoɔ no, na Yehowa de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn.+
13 Na atitire aduasa no mu mmiɛnsa+ kɔɔ Dawid nkyɛn Adulam+ ɔbodan no mu twaberɛ; saa berɛ no, na Filistifoɔ no akyere nsraban Refaim asasetamaa+ no so. 14 Saa berɛ no, na Dawid wɔ bea a ɛhɔ korɔ yɛ den+ no, na na Filistifoɔ awɛmfoɔ dɔm+ nso wɔ Betlehem. 15 Akyire yi, biribi yɛɛ Dawid akɔnnɔ, na ɔkaa sɛ: “O sɛ anka merenya Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo anom a!”+ 16 Ɛnna nnɔmmarima mmiɛnsa no bɔ wuraa Filistifoɔ nsraban no mu, na wɔkɔsaa Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo, na wɔde brɛɛ Dawid.+ Nanso wannom, na mmom ɔhwie guu+ fam maa Yehowa. 17 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, ɛmpare me+ sɛ mɛyɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam yi mogya na mennom+ anaa?” Enti wannom.
Yei ne adeɛ a nnɔmmarima mmiɛnsa yi yɛeɛ.
18 Seruia+ ba Yoab nua Abisai+ na na ɔyɛ aduasa no so panin. Ɔno na ɔtumi gyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahasa; ná ɔwɔ din sɛ mmiɛnsa no.+ 19 Ná ɔdi mũ sene aduasa no mufoɔ a wɔaka, na ɔdii wɔn so panin, nanso wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no.+
20 Yehoiada+ ba Benaia,+ ɔkokoɔdurofoɔ aseni no yɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel;+ ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no. Ɔno ara nso na ɔsiane kɔkum gyata+ wɔ asubura mu da bi a sukyerɛmma tɔeɛ no.+ 21 Ɔbarima yi ara nso na ɔkɔkum Egyptni brane bi+ no. Ná Egyptni no kura pea deɛ, nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kɔhwim pea no firii ne nsam, na ɔde ne pea no kuu no.+ 22 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia+ yɛeɛ, na ɔnyaa din sɛ nnɔmmarima mmiɛnsa+ no. 23 Ná ɔdi mũ sene aduasa no, na mmom wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no. Nanso Dawid sii no ankɔbeahene.+
24 Ná Yoab nua Asahel+ ka aduasa no ho; nnɔmmarima no bi ne Betlehemni Dodo ba Elhanan,+ 25 Harodni Samma,+ Harodni Elika, 26 Paltini Heles,+ Tekoani Ikes+ ba Ira,+ 27 Anatotni+ Abiesar,+ Husani+ Mebunai, 28 Ahohini+ Salmon, Netofani Maharai,+ 29 Netofani Baanah ba Heleb,+ Ribai ba Yitai+ a ɔfiri Benyaminfoɔ kuro Gibea mu, 30 Piratoni Benaia,+ Hidai a ɔfiri Gaase+ subɔn no mpɔtamu hɔ, 31 Arbatni Abi-Albon, Bahurimni Asmawet,+ 32 Saalbonni Eliaba, Yasen mma, Yonatan,+ 33 Hararini Samma, Hararini Sarar ba Ahiam,+ 34 Maakatni ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel+ ba Eliam, 35 Karmelni Hesro,+ Arabiani Paarai, 36 Natan+ a ɔfiri Soba ba Yigal, Gadni Bani, 37 Ammonni Selek+ ne Beerotni Naharai a wɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurafoɔ, 38 Yitrini+ Ira, Yitrini Gareb,+ 39 Hitini Uria.+ Wɔn nyinaa si aduasa nson.