6 Ɛnna Dawid bisaa Hitini+ Ahimelek ne Seruia+ ba Abisai,+ Yoab nua no sɛ: “Hwan na ɔbɛsiane ne me akɔ Saul nkyɛn nsraban no mu?” Na Abisai kaa sɛ: “Me na me ne wo bɛkɔ.”+
17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa+ no, na ɔbɔɔ Filistini no kum no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa ntam guu ne so sɛ: “Wo ne yɛn mmfiri adi nnkɔ ɔsa bio,+ anyɛ saa a wobɛdum+ Israel kanea!”+