21 Na wo ara hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Nyankopɔn,+ wɔdi nokorɛ,+ na wɔnyɛ adufudepɛ;+ yɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so.
15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a ɛmu yɛ duro soaa ɔman no, na wɔgyee dwetɛ nnwetɛbena aduanan da biara da de tɔɔ aduane ne nsã. Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+