2 Berɛsosɛm
19 Na Yuda hene Yehosafat san baa ne fie asomdwoeɛ mu+ wɔ Yerusalem. 2 Ɛnna ɔdehunufoɔ+ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfoɔ na woboa wɔn,+ na wɔn a wɔtan+ Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ+ wɔn anaa? Deɛ woayɛ yi nti, Yehowa abufuo+ wɔ wo so. 3 Nanso wɔahunu adepa+ bi wo ho, ɛfiri sɛ woayiyi abosonnua no afiri asase no so,+ na woasiesie w’akoma sɛ wobɛhwehwɛ nokorɛ Nyankopɔn.”+
4 Yehosafat kɔɔ so tenaa Yerusalem, na akyire yi ɔfirii adi kɔkyinkyinii ɔman no mu bio, ɛfiri Beer-Seba+ kɔsi Efraim+ mmepɔ so, sɛ ɔbɛdane wɔn aba Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn nkyɛn.+ 5 Na ɔde atemmufoɔ sisii asase no nyinaa so wɔ Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu, kuro biara nyaa ne deɛ.+ 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yie,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ onipa na mobu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmuo no mu.+ 7 Afei monsuro+ Yehowa,+ na momfa ahwɛyie nyɛ adwuma no,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na ɔnnye adanmudeɛ.”+
8 Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ+ ne asɔfoɔ+ ne Israel agyanom+ abusuafie mpanimfoɔ no bi sisii hɔ sɛ wɔmmu atɛn+ mma Yehowa na wɔnni Yerusalemfoɔ ntam asɛm.+ 9 Afei ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Sei na momfa Yehowa suro+ nyɛ, nokorɛdie ne akoma a ɛdi mũ mu. 10 Asɛm biara a mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu de bɛba mo anim, deɛ ɛfa mogyahwieguo+ anaa mmara+ ne mmara nsɛm+ ne ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ ho no, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanyɛ Yehowa bɔne, na abufuo+ amma mo ne mo nuanom so. Yei na monyɛ na asodie amma mo so. 11 Ɔsɔfo panin Amaria da mo ano Yehowa nsɛm nyinaa mu;+ Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie panin no bɛdi ɔhene nsɛm nyinaa anim, na Lewifoɔ no nso bɛyɛ mo so atitire. Monyɛ den+ na monyɛ adwuma no, na Yehowa+ nka mo ho adepa a moreyɛ no mu.”+