Deuteronomium 10:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Onyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade,+ Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Ɔnyɛ animhwɛ+ na ɔnnye adanmudeɛ biara.+ Asomafoɔ Nnwuma 10:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Ɛnna Petro buee n’ano kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim,+ Romafoɔ 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.+ Efesofoɔ 6:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na monnyae ahunahuna,+ ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+ 1 Petro 1:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+
17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Onyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade,+ Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Ɔnyɛ animhwɛ+ na ɔnnye adanmudeɛ biara.+
9 Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na monnyae ahunahuna,+ ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+