13 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Memfa ɛkɔm mmra w’asaase so mfeɛ nson?+ Anaa memma w’atamfo ntaa wo so na dwane firi wɔn anim abosome mmiɛnsa?+ Anaa memma nsanyareɛ a ɛdi awuo mmra w’asaase so nnansa?+ Afei dwene ho yie na ma me mmuaeɛ nkɔma deɛ ɔsomaa me no.”