19 Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kuu no anaa? Ɛnyɛ Yehowa na ɔsuroo no, na ɔdwodwoo Yehowa bo+ maa Yehowa nso gyaee mmusuo a ɔkaa sɛ ɛbɛba wɔn soɔ no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusuo kɛseɛ na yɛde bɛba yɛn kra soɔ.+
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+