Numeri 14:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+ Yesaia 48:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Me din nti, mɛka m’abufuo ahyɛ,+ na m’ayeyie nti, mɛhyɛ me ho so na mantwa wo antwene.+ Mika 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+ Nahum 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa bo kyɛre fu+ na ne tumi so,+ na Yehowa remfa asotwe nkame deɛ ɛsɛ no.+ Kyinhyia mframa ne ahum mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+
18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+
18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+
3 Yehowa bo kyɛre fu+ na ne tumi so,+ na Yehowa remfa asotwe nkame deɛ ɛsɛ no.+ Kyinhyia mframa ne ahum mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+