36 “‘Na wɔn a wɔbɛka no,+ mɛma ehu aka wɔn akoma wɔ wɔn atamfo nsase so, na ahahan mpo yɛ kyekyerɛ a, wɔbɛdwane sɛdeɛ nkrantɛ di wɔn akyi, na wɔbɛhwehwe ase berɛ a obiara nni wɔn akyi.+
25 Yehowa bɛma woadi nkoguo w’atamfo anim.+ Wobɛfa kwan baako so akɔ wɔn so na woafa akwan nson so adwane afiri wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+