1 Berɛsosɛm
22 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn Yehowa fie+ nie, na afɔrebukyia+ yi na Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ.”
2 Afei Dawid kaa sɛ wɔmmoaboa ahɔhoɔ+ a wɔwɔ Israel nyinaa ano mmra. Na ɔde wɔn yɛɛ abopaefoɔ+ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene,+ na wɔmfa nsi nokorɛ Nyankopɔn fie no. 3 Na Dawid siesiee nnadeɛ bebree a wɔde bɛyɛ apono ho nnadewa ne deɛ wɔde bɛsosɔ mu, ne kɔbere bebree a wɔntumi nkarie,+ 4 ne tweneduro+ nnua a ɛnni ano, ɛfiri sɛ Sidonfoɔ+ ne Tirofoɔ+ de tweneduro nnua bebree pa brɛɛ Dawid. 5 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Me ba Solomon yɛ abɔfra, na ɔyɛ mmerɛ,+ na fie a wɔrebɛsi ama Yehowa no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kokuroo,+ na ɛyɛ fɛ+ na ɛnya din asase nyinaa so. Enti ma mensiesie biribi nsie mma no.” Ɛno nti Dawid pɛɛ nneɛma pii de sieeɛ ansa na ɔrewuo.+
6 Afei nso, ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi fie mma Yehowa, Israel Nyankopɔn no. 7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Me deɛ, na ɛda m’akoma so+ sɛ mɛsi fie ama Yehowa me Nyankopɔn no din.+ 8 Nanso deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Mogya pii na woahwie aguo,+ na woadi ako bebree.+ Ɛnyɛ wo na wobɛsi fie ama me din+ ɛfiri sɛ woahwie mogya pii agu m’anim wɔ asase so. 9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno deɛ, ɔbɛyɛ ahodwoɔ nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoeɛ+ ne kommyɛ wɔ ne berɛ so. 10 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me din;+ ɔbɛyɛ me ba+ na me nso mayɛ n’agya.+ Mɛma n’ahennie adwa atim+ Israel so afebɔɔ.’
11 “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ɛnsi wo yie, na si Yehowa wo Nyankopɔn fie no sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.+ 12 Nhunumu ne nteaseɛ+ na Yehowa mfa mma woɔ, na ɔmfa Israel ho ahyɛdeɛ nhyɛ wo nsa na ama woadi Yehowa wo Nyankopɔn mmara so.+ 13 Sɛ wohwɛ di ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ a Yehowa nam Mose so de maa+ Israel no so a, ɛnneɛ ɛbɛwie wo yie.+ Nya akokoɔduro na yɛ den.+ Nsuro,+ na mmɔ hu+ nso. 14 Na m’amanehunu+ mu no, maboaboa sika+ dwetikɛseɛ mpem ɔha, ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem baako ne kɔbere+ ne dadeɛ+ a ne dodoɔ nti wɔntumi nkarie asie ama Yehowa fie no; masan asiesie nnua ne aboɔ agu hɔ nanso yeinom deɛ, pɛ bi ka ho. 15 Adwumayɛfoɔ pii wɔ hɔ a wɔbɛboa woɔ: abopaefoɔ ne aboɔ+ ne nnua ho adwumfoɔ ne obiara a ne ho akokwa adwuma biara mu.+ 16 Sika ne dwetɛ ne kɔbere ne nnadeɛ no nni ano.+ Sɔre keka wo ho.+ Yehowa nni w’akyi.”+
17 Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa ne ba Solomon. Na ɔkaa sɛ: 18 “Yehowa mo Nyankopɔn nka mo ho anaa?+ Ɛnyɛ ɔno na wama mo home afã nyinaa ahyia?+ Ɔde asase no sofoɔ nyinaa ahyɛ me nsa, na madi asase no so Yehowa+ ne ne man anim. 19 Na afei, momfa mo akoma ne mo kra+ nyinaa nhwehwɛ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na monsɔre nsi nokorɛ Nyankopɔn Yehowa+ kronkronbea+ no, na momfa Yehowa apam adaka+ ne nokorɛ Nyankopɔn anwenneɛ kronkron no mmra fie a wɔasi ama Yehowa din+ no mu.”