8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ no mu nyinaa so.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+
3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na nante n’akwan so.+ Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu+ no, na ama woahunu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkorɔ;