1 Ahemfo
2 Na Dawid nna bɛnee sɛ owuo,+ na ɔhyɛɛ ne ba Solomon sɛ: 2 “Merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan,+ enti yɛ den+ na yɛ barima.+ 3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na nante n’akwan so.+ Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu+ no, na ama woahunu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkorɔ; 4 ɛno na Yehowa bɛma asɛm a ɔka faa me ho yi aba mu+ sɛ, ‘Sɛ wo mma+ bɛhwɛ wɔn akwan yie na wɔde wɔn akoma nyinaa+ ne wɔn kra nyinaa anante+ m’anim nokorɛ+ mu a, obusuani a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ remmɔ wo.’+
5 “Wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab de yɛɛ me,+ sɛ ɔkum Israel asahene mmienu, Ner ba Abner+ ne Yeter+ ba Amasa;+ ɔkaa ɔsa mu mogya+ guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan no ho. 6 Fa wo nyansa+ no yɛ adwuma, na mma no mmfa ne tiri so dwono nnkɔ Adamena*+ mu asomdwoeɛ mu.+
7 “Na Gileadni Basilai+ mma no, yɛ wɔn adɔeɛ, na fa wɔn ka wɔn a wɔdidi wo pono soɔ+ no ho, ɛfiri sɛ wɔbaa me nkyɛn+ bɛboaa me berɛ a medwane firii wo nua Absalom anim no.+
8 “Benyaminni Gera ba Simei+ a ɔfiri Bahurim+ no te wo nkyɛn ha yi ara; ɔno na ɔdomee me yayaaya+ da a merekɔ Mahanaim+ no, nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan+ ho, na mekaa no Yehowa ntam sɛ, ‘Meremfa nkrantɛ nku wo.’+ 9 Mma no mmfa ne ho nnni.+ Woyɛ barima nyansafoɔ,+ na wonim deɛ ɛsɛ sɛ wode yɛ no; mogya mu na ma ne tiri so dwono+ nsiane nkɔ Adamena mu.”+
10 Afei Dawid ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu. 11 Nna a Dawid de dii Israel so hene no si mfeɛ aduanan.+ Ɔtenaa Hebron+ dii adeɛ mfeɛ nson,+ na ɔtenaa Yerusalem nso dii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa.+
12 Solomon na ɔtenaa ne papa Dawid ahennwa soɔ,+ na nkakrankakra, n’ahennie tim pintinn.+
13 Na Hagit ba Adoniya baa Solomon maame Bat-Seba+ nkyɛn. Ɛnna maame no bisaa no sɛ: “Asomdwoeɛ+ so na woreba anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Asomdwoeɛ so.” 14 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Mede abisadeɛ bi rebɛto w’anim.” Ɛnna maame no kaa sɛ: “Kasa.”+ 15 Na ɔno nso kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ me na anka ɛsɛ sɛ ahennie no ba me nsam, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene;+ nanso ahennie no dane kɔdii me nua no nsam, na Yehowa na ɔmaa no kɔdii ne nsam.+ 16 Na afei mede abisadeɛ bi rebɛto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.”+ Ɛnna maame no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa.” 17 Na ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, kɔka kyerɛ Ɔhene Solomon sɛ ɔmfa Sunemni+ Abisag+ mma me nware. Menim sɛ wo deɛ, ɔremmɔ w’asɛm ngu.” 18 Ɛnna Bat-Seba kaa sɛ: “Asɛmpa! Mɛkɔ na me ne ɔhene akɔkasa ama wo.”
19 Enti Bat-Seba kɔɔ Ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔrekɔka Adoniya+ asɛm no akyerɛ no. Ntɛm ara na ɔhene sɔre+ kɔhyiaa no, na ɔhene bɔɔ ne mu ase maa no.+ Afei ɔkɔtenaa n’ahennwa so, na ɔhene maa wɔde akonnwa bɛsii hɔ maa ne maame maa no tenaa ne nifa so.+ 20 Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Abisadeɛ ketewa bi na mede rebɛto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Enti ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Me maame, kasa na meremmɔ w’asɛm ngu.” 21 Na ne maame toaa so sɛ: “Fa Sunemni Abisag ma wo nua Adoniya awareɛ.” 22 Ɛhɔ ara na Ɔhene Solomon ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Adɛn nti na worebisa Sunemni Abisag ama Adoniya? Ɛnneɛ bisa ahennie no nso ma no+ ɛ, (ɛfiri sɛ ɔyɛ me nua panin);+ bisa ma ɔne ɔsɔfoɔ Abiatar+ ne Seruia+ ba Yoab.”+
23 Ɛnna Ɔhene Solomon kaa Yehowa ntam sɛ: “Sɛ mamma Adoniya amfa ne kra antwa asɛm a waka yi so+ a, ɛnneɛ Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.+ 24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na wama meda so te me papa Dawid ahennwa soɔ,+ na wama manya fie+ sɛdeɛ ɔkaeɛ+ no, te aseɛ yi,+ ɛnnɛ Adoniya bɛwu.”+ 25 Ɛhɔ ara na Ɔhene Solomon somaa Yehoiada ba Benaia+ maa no kɔto hyɛɛ ne so kum no.+
26 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Kɔ w’asase so wɔ Anatot!+ Wofata wuo,+ nanso ɛnnɛ merenku wo, ɛfiri sɛ wosoaa Awurade Tumfoɔ Yehowa+ adaka no me papa Dawid anim,+ na me papa amanehunu nyinaa mu no, wohunuu amane bi.”+ 27 Enti Solomon pamoo Abiatar sɛ ɔnnni Yehowa sɔfoɔ bio na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔka tiaa Eli fie+ wɔ Silo+ no baa mu.
28 Yoab tee asɛm no,+ na Yoab dwane kɔɔ Yehowa ntomadan+ no mu kɔsɔɔ afɔrebukyia ho mmɛn+ no mu dendeenden—ɛfiri sɛ Yoab ankɔ Absalom afã+ deɛ, nanso ɔkɔdii Adoniya+ akyi. 29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab adwane kɔ Yehowa ntomadan no mu, na ɔwɔ afɔrebukyia no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔto hyɛ ne so ku no!”+ 30 Ɛnna Benaia kɔɔ Yehowa ntomadan no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Firi adi’” Nanso ɔbuaa no sɛ: “Dabi! Na ɛha ara+ na mɛwu mada.” Ɛnna Benaia bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ sɛ: “Deɛ Yoab aka nie, na sei na ɔbuaa me.” 31 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ sɛdeɛ waka no ara na to hyɛ ne so ku no, na monsie no na monyi mogya+ a Yoab hwie guu kwa+ no mfiri me so ne me papa fie so. 32 Ɔno ara ne mogya na Yehowa de bɛgu n’atifi,+ ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ kuu mmarima mmienu a wɔtene na wɔyɛ sene no+ a na me papa Dawid nnim ho hwee;+ ɔkum Ner ba Abner,+ Israel sahene+ no ne Yeter ba Amasa,+ Yuda sahene+ no. 33 Na wɔn mogya mmra Yoab ne n’asefoɔ atifi nkɔsi daa;+ Dawid+ ne n’asefoɔ ne ne fie ne n’ahennwa deɛ, Yehowa bɛma wɔanya asomdwoeɛ daa.”+ 34 Ɛnna Yehoiada ba Benaia foro kɔeɛ,+ na ɔkɔto hyɛɛ ne so kuu no,+ na wɔsiee no ne fie nkyɛn wɔ serɛ so. 35 Afei ɔhene de Yehoiada ba Benaia+ sii n’ananmu wɔ asraafoɔ no so,+ na ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.+
36 Ɛnna ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei+ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Si fie wɔ Yerusalem fa, na ɛhɔ ara na tena. Mfiri hɔ nkɔ baabiara. 37 Na ɛda a wobɛfiri adi akɔtwa Kidron subɔn+ no, hunu sɛ owuo na wobɛwuo.+ Mogya ho afɔdie bɛgu wo ara w’atifi.”+ 38 Ɛnna Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wonkaa bɔne. Sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa na w’akoa bɛyɛ.” Na Simei tenaa Yerusalem nna pii.
39 Na ɛbaa sɛ mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei nkoa+ mmienu dwane kɔɔ Maaka ba Akis,+ Gat hene+ no nkyɛn. Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Simei sɛ: “Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.” 40 Ntɛm ara na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumu, na ɔkɔɔ Akis nkyɛn wɔ Gat kɔhwehwɛɛ ne nkoa no, na Simei de ne nkoa no firi Gat baeɛ. 41 Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Simei afiri Yerusalem akɔ Gat aba.” 42 Ɛhɔ ara na ɔhene soma kɔfrɛɛ+ Simei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mamma woanka Yehowa ntam, na mammɔ wo kɔkɔ+ sɛ, ‘Ɛda a wobɛfiri adi akɔ baabi no, owuo na wobɛwuo,’ na wo nso woanka ankyerɛ me sɛ: ‘Asɛm a woaka yi deɛ, wonkaa bɔne’?+ 43 Adɛn nti na woanni Yehowa ntam+ ne mmara a mehyɛɛ woɔ no soɔ?”+ 44 Enti ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Wo ara wonim adebɔne a w’akoma nim sɛ wode yɛɛ me papa Dawid no nyinaa;+ Yehowa bɛdane wo bɔne no agu wo ara w’atifi.+ 45 Na Ɔhene Solomon deɛ, wɔbɛhyira+ no, na Dawid ahennwa nso bɛtim Yehowa anim daa.”+ 46 Ɛnna ɔhene hyɛ maa Yehoiada ba Benaia kɔto hyɛɛ ne so kuu no.+
Na ahennie no tim Solomon nsam.+