1 Berɛsosɛm 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno deɛ, ɔbɛyɛ ahodwoɔ nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoeɛ+ ne kommyɛ wɔ ne berɛ so. 1 Berɛsosɛm 28:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 (Yehowa ama me mma pii)+ na me mma nyinaa mu no, me ba Solomon+ na ɔyii no sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahennie adwa+ a ɛwɔ Israel no soɔ. Mmebusɛm 21:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Nyansa ne nhunumu ne afotuo bi nni hɔ a ɛne Yehowa bɛdi asie.+ Daniel 2:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔno na ɔsakra berɛ ne nna,+ na ɔtu ahemfo si ahemfo,+ na ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhunumu nso nimdeɛ.+
9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno deɛ, ɔbɛyɛ ahodwoɔ nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoeɛ+ ne kommyɛ wɔ ne berɛ so.
5 (Yehowa ama me mma pii)+ na me mma nyinaa mu no, me ba Solomon+ na ɔyii no sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahennie adwa+ a ɛwɔ Israel no soɔ.
21 Ɔno na ɔsakra berɛ ne nna,+ na ɔtu ahemfo si ahemfo,+ na ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhunumu nso nimdeɛ.+