6 Yɛn agyanom fomeeɛ,+ na wɔyɛɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn ani so bɔne;+ wɔgyaa no+ na wɔyii wɔn ani firii Yehowa ntomadan so,+ na wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.
27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+ ne ɛboɔ nso sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Na me deɛ, wɔn kɔn akyi na wɔadane akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na gye yɛn!’+