Atemmufoɔ 10:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne,+ enti yɛ yɛn deɛ ɛfata w’ani soɔ biara.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ gye yɛn nnɛ da yi.”+ 2 Berɛsosɛm 20:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 ‘Sɛ mmusuo+ bi anaa nkrantɛ anaa atemmuo bɔne anaa yaredɔm+ anaa ɛkɔm+ ba yɛn so a, ma yɛnnyina fie yi anim+ ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din+ wɔ fie yi so), na yɛnsũ mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+ Dwom 78:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Berɛ biara nso a ɔbɛkunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyiri kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+ Dwom 106:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano firi amanaman no mu bra+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,+Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.+ Yesaia 26:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 O Yehowa, berɛ a wɔhunuu amane no, wɔdane baa wo nkyɛn;+ berɛ a wotenee wɔn soɔ+ no, wɔbɔɔ mpaeɛ besebesee wɔn ano. Hosea 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea akɔsi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyiri kwan.”+
15 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne,+ enti yɛ yɛn deɛ ɛfata w’ani soɔ biara.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ gye yɛn nnɛ da yi.”+
9 ‘Sɛ mmusuo+ bi anaa nkrantɛ anaa atemmuo bɔne anaa yaredɔm+ anaa ɛkɔm+ ba yɛn so a, ma yɛnnyina fie yi anim+ ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din+ wɔ fie yi so), na yɛnsũ mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+
34 Berɛ biara nso a ɔbɛkunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyiri kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+
47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano firi amanaman no mu bra+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,+Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.+
16 O Yehowa, berɛ a wɔhunuu amane no, wɔdane baa wo nkyɛn;+ berɛ a wotenee wɔn soɔ+ no, wɔbɔɔ mpaeɛ besebesee wɔn ano.
15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea akɔsi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyiri kwan.”+