1 Ahemfo
anaa, sɛdeɛ Hela Septuagint kyerɛ no, AHEMFO NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA
1 Ná Ɔhene Dawid abɔ akɔkoraa+ na wadi nna pii; sɛ wɔde ntoma pii kata ne ho mpo a, ne ho nyɛ no hye. 2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔnhwehwɛ ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabunu+ mmrɛ me wura ɔhene na ɔmmɛtena ɔhene ho+ na ɔnhwɛ wo;+ ɔbɛda wo kokom+ na me wura ɔhene ho ayɛ no hye.”+ 3 Enti wɔkɔkyini hwehwɛɛ Israel asase nyinaa so sɛ wɔbɛnya ababaa bi a ne ho yɛ fɛ. Na wɔkɔhunuu Sunemni+ Abisag+ de no brɛɛ ɔhene. 4 Ná ababaa no ho yɛ fɛ papa;+ ɔbɛtenaa ɔhene ho hwɛɛ no, na ɔhene ankɔ ne ho.
5 Saa berɛ no nyinaa na Hagit+ ba Adoniya+ mema ne ho so+ ka sɛ: “Me na mɛdi hene!”+ Na ɔmaa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔtu mmirika di n’anim.+ 6 Na ne papa anka asɛm bi a ɛbɛha no ankyerɛ no da sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ saa?”+ Ná ne ho nso yɛ fɛ yie;+ ne maame woo no Absalom akyi. 7 Adoniya ne Seruia ba Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ faa adamfoɔ, na wɔbɛyɛɛ n’akyitaafoɔ boaa no.+ 8 Na ɔsɔfoɔ Sadok+ ne Yehoiada ba Benaia+ ne odiyifoɔ Natan+ ne Simei+ ne Rei ne Dawid nnɔmmarima+ no deɛ, wɔankɔdi Adoniya akyi.+
9 Adoniya de nnwan ne anantwie ne mmoa a wɔadɔ bɔɔ afɔdeɛ+ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel+ no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa,+ ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa; 10 odiyifoɔ Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Solomon deɛ, wamfrɛ wɔn. 11 Ɛnna Natan+ ka kyerɛɛ Solomon maame+ Bat-Seba+ sɛ: “Wontee sɛ Hagit+ ba Adoniya abɛyɛ ɔhene na yɛn wura Dawid nnim ho hwee yi? 12 Afei bra ma mentu wo fo,+ na gye wo kra ne wo ba Solomon nso kra nkwa.+ 13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene, na wokaa w’afenaa ntam sɛ: “Wo ba Solomon na ɔbɛdi hene m’akyi, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa soɔ”?+ Ɛyɛɛ dɛn na Adoniya abɛyɛ ɔhene yi?’ 14 Na hwɛ! Berɛ a wogu so ne ɔhene rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi w’akyi aba na mabɛka bi ato wo nsɛm no so.”+
15 Enti Bat-Seba kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ pia mu.+ Ná ɔhene abɔ akɔkoraa+ posoposo, na Sunemni Abisag+ te ɔhene nkyɛn hwɛ no. 16 Ɛnna Bat-Seba kotoo+ ɔhene anim, na ɔhene bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na wode nam?”+ 17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura,+ wo na wode Yehowa, wo Nyankopɔn kaa w’afenaa ntam sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi hene m’akyi, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa soɔ.’+ 18 Na hwɛ! Adoniya+ abɛyɛ ɔhene, nanso me wura ɔhene nnim ho hwee.+ 19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nnwan pii abɔ afɔdeɛ, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ ne ɔsahene Yoab,+ na w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ no.+ 20 Na wo, me wura ɔhene, wo na Israel nyinaa ani+ da wo soɔ sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene ahennwa soɔ n’akyi.+ 21 Deɛ ɛbɛba ara ne sɛ, sɛ me wura ɔhene ne n’agyanom kɔda+ a, me ne me ba Solomon ho bɛba asɛm.”
22 Na hwɛ! Berɛ a ɔgu so ne ɔhene rekasa no, odiyifoɔ Natan baa hɔ.+ 23 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Odiyifoɔ Natan aba!” Ɛnna ɔbaa ɔhene anim na ɔde n’anim butuu fam ɔhene anim.+ 24 Ɛnna Natan kaa sɛ: “Me wura ɔhene, enti wo na wokaa sɛ, ‘Adoniya na ɔbɛdi hene m’akyi, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa soɔ’ anaa?+ 25 Ɛnnɛ wasiane kɔ sɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nnwan pii rekɔbɔ afɔdeɛ,+ na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar;+ hwɛ, wɔredidi na wɔrenom wɔ n’anim, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nnya nkwa!’+ 26 Na me, w’akoa, me ne ɔsɔfoɔ Sadok+ ne Yehoiada ba Benaia+ ne w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ yɛn.+ 27 Sɛ me wura ɔhene na wama asɛm yi aba saa a, ɛnneɛ wode deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene ahennwa so wɔ n’akyi ahunta w’akoa.”+
28 Ɛnna Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ Bat-Seba+ mma me.” Enti ɔbaa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa ɔhene anim. 29 Ɛnna ɔhene kaa ntam+ sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee+ me kra+ firii ahohia+ nyinaa mu te aseɛ yi,+ 30 sɛdeɛ mede Yehowa, Israel Nyankopɔn kaa wo ntam sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi hene m’akyi, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so adi m’adeɛ!’ no, saa na mɛyɛ ɛnnɛ da yi.”+ 31 Ɛnna Bat-Seba de n’anim butuu fam, na ɔkotoo+ ɔhene kaa sɛ: “Me wura Ɔhene Dawid nnya nkwa daa!”+
32 Ɛhɔ ara na Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne odiyifoɔ Natan ne Yehoiada ba Benaia+ mma me.” Ɛnna wɔbaa ɔhene anim. 33 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo wura nkoa+ nka mo ho na momma me ba Solomon ntena m’afunumupɔnkɔ no so+ mfa no nsiane nkɔ Gihon.+ 34 Na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan nsra+ no ngo wɔ hɔ mfa no nsi Israel so hene, na monhyɛne abɛn+ nka sɛ, ‘Ɔhene Solomon nnya nkwa!’+ 35 Monni n’akyi mfa no mmra na ɔmmɛtena m’ahennwa so. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔhene asi m’ananmu, na ɔno na mɛyɛ no Israel ne Yuda kannifoɔ.” 36 Ɛhɔ ara na Yehoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: “Amen!+ Yehowa, me wura ɔhene Nyankopɔn no nhyɛ mu den.+ 37 Sɛdeɛ Yehowa dii me wura ɔhene akyi no,+ saa ara na ɔnni Solomon akyi,+ na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛse nsene+ me wura Ɔhene Dawid ahennwa.”
38 Ɛnna ɔsɔfoɔ Sadok+ ne odiyifoɔ Natan+ ne Yehoiada ba Benaia+ ne Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ no siane kɔeɛ, na wɔmaa Solomon tenaa Ɔhene Dawid afunumupɔnkɔ no so+ de no kɔɔ Gihon.+ 39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo+ wɔ mu no firii ntomadan+ no mu na ɔsraa+ Solomon ngo, na wɔfirii aseɛ hyɛnee mmɛn no maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ɔhene Solomon nnya nkwa!”+ 40 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa tu dii n’akyi, na ɔman no hyɛnee ntɛntɛbɛn+ dii ahurisie kɛse+ paa, na gyegyeegye no maa asase+ wosoeɛ.
41 Na Adoniya ne wɔn a ɔfrɛɛ wɔn a wɔka ne ho no nyinaa teeɛ; ná wɔadidi awie.+ Berɛ a Yoab tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, ɛhɔ ara na ɔbisaa sɛ: “Na kurom gyegyeegye+ yi kyerɛ sɛn?” 42 Ɔgu so rekasa no, ɔbɛhwɛ a ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan+ anim nie. Ɛnna Adoniya kaa sɛ: “Bra mu, na woyɛ barima a wofata, na wode asɛmpa nam.”+ 43 Ɛnna Yonatan buaa Adoniya sɛ: “Dabi! Yɛn wura Ɔhene Dawid de Solomon asi hene.+ 44 Na ɔhene maa ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan ne Yehoiada ba Benaia ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ kaa ne ho, na wɔmaa no tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ no so.+ 45 Afei ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan sraa no ngo sii no hene+ wɔ Gihon, na wɔde ahurisie firi hɔ baeɛ, na kuro no mu ayɛ hoo. Ɛho dede na moteeɛ no.+ 46 Afei nso, Solomon atena ahennie adwa no so.+ 47 Bio nso, ɔhene nkoa baa hɔ bɛhyiraa yɛn wura Ɔhene Dawid, na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛse nsene w’ahennwa!’+ Ɛnna ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa soɔ.+ 48 Na deɛ ɔhene nso kaeɛ nie, ‘Nhyira+ nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahennwa soɔ ama mede m’ani ahunu yi!’”+
49 Ɛnna ehu kaa wɔn a Adoniya afrɛfrɛ wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa, na obiara sɔre faa ne kwan.+ 50 Na Solomon nti, Adoniya nso suroeɛ. Enti ɔsɔre kɔeɛ, na ɔkɔsɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu.+ 51 Ɛnna wɔbɛbɔɔ Solomon amanneɛ sɛ: “Ɔhene Solomon ho hu atɔ Adoniya so, enti wakɔsɔ afɔrebukyia ho mmɛn no mu, na ɔse, ‘Momma Ɔhene Solomon nni kan nka me ntam sɛ ɔremfa nkrantɛ nku n’akoa ansa.’” 52 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Sɛ ɔbɛyɛ ɔbarima a ɔfata a, ɛnneɛ ne nwi baako mpo+ rentɔ fam, nanso sɛ wɔhunu bɔne bi ne ho+ a, ɛnneɛ ɔbɛwu.”+ 53 Enti Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho baeɛ. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, na kɔ wo fie.”+