15 Na ɔno nso kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ me na anka ɛsɛ sɛ ahennie no ba me nsam, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene;+ nanso ahennie no dane kɔdii me nua no nsam, na Yehowa na ɔmaa no kɔdii ne nsam.+
24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na wama meda so te me papa Dawid ahennwa soɔ,+ na wama manya fie+ sɛdeɛ ɔkaeɛ+ no, te aseɛ yi,+ ɛnnɛ Adoniya bɛwu.”+
29Ɛnna Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa+ no nyinaa sɛ: “Me ba Solomon a Onyankopɔn ayi+ no no yɛ abɔfra,+ na ɔyɛ mmerɛ, nanso adwuma no sõ, ɛfiri sɛ abankɛseɛ no nyɛ onipa dea,+ na mmom Yehowa Nyankopɔn dea.