14 Ɔhwɛeɛ no, ɔhunuu sɛ ɔhene no gyina edum no ho+ sɛdeɛ amanneɛ teɛ, na mpanimfoɔ ne ntotorobɛnto+ wɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔman no mu nnipa nyinaa redi ahurisie+ na wɔrehyɛne ntotorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia+ suanee n’atadeɛ mu na ɔteaam sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!”+