Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 29:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛnna Dawid hyiraa+ Yehowa wɔ badwa+ no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, yɛn agya Israel+ Nyankopɔn, nhyira nka wo+ daa daa.

  • Nehemia 9:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na Lewifoɔ Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkɔsi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’animuonyam din+ a wɔama so atra nkamfoɔ ne ayeyie nyinaa no.

  • Dwom 34:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Mɛhyira Yehowa berɛ nyinaa;+

      N’ayeyie rempa m’anom da.+

  • Dwom 72:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn;+

      Deɛ ɔno nko yɛ anwanwadwuma no.+

  • Daniel 4:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 “Na nna no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, memaa m’ani so hwɛɛ ɔsoro,+ na m’adwene san baeɛ, na mehyiraa Ɔsorosoroni no,+ na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no yii no ayɛ,+ ɛfiri sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

  • Efesofoɔ 1:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa ahyira yɛn+ Kristo mu wɔ ɔsoro,+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane