34 “Saa berɛ no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na meyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no hyɛɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahennie wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+