Daniel
4 “Ɔhene Nebukadnesar de yei kɔma aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ:+ Mo asomdwoeɛ nnɔɔso.+ 2 Nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoroni Nyankopɔn ayɛ ama me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka ho asɛm.+ 3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnne sõsõ, na n’anwanwadeɛ yɛ akɛseɛ fa!+ N’ahennie yɛ daa ahennie,+ na ne tumi wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
4 “Me, Nebukadnesar, ná mete me fie dwoodwoo,+ na medi yie m’ahemfie.+ 5 Mesoo daeɛ bi a ɛmaa mebɔɔ hu,+ na me mpa so adwendwene ne m’anisoadehunu maa mesuroeɛ.+ 6 Enti mehyɛɛ sɛ wɔmfa Babilon anyansafoɔ nyinaa mmra m’anim na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ+ no ase.
7 “Ɛnna akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ+ ne nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no baeɛ, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.+ 8 Na akyire yi, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar,+ sɛdeɛ me nyame no din+ teɛ, a ɔwɔ anyame kronkron no honhom+ no baa m’anim, na mekaa daeɛ no n’anim sɛ:
9 “‘Akɔmfoɔ panin+ Beltesasar, menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu,+ na ahuntasɛm biara nni hɔ a ɛkyere wo soɔ,+ enti ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.+
10 “‘Afei me daeɛ ne anisoadehunu a menyaa no me mpa soɔ mu no, mehunuiɛ+ na hwɛ! dua+ bi si asase mfimfini a ɛware tenteenten.+ 11 Dua no nyini bɛyɛɛ den, na ne tenten kɔduruu ɔsoro, na wɔhunuu no asase so baabiara.+ 12 Ná n’ahahan yɛ fɛ, na n’aba dɔɔso, na aduane wɔ so ma obiara. Wuram mmoa+ gyee nwunu wɔ aseɛ,+ na wiem nnomaa nso sisii ne mman so.+ Ɔhonam nyinaa nso didii so.
13 “‘Mekɔɔ so hwɛeɛ, me daeɛ ne anisoadehunu a menyaa no me mpa soɔ no mu, na hwɛ! ɔwɛmfoɔ,+ ɔkronkronni,+ bi na ɔfiri ɔsoro resiane ba yi. 14 Na ɔteaam dendeenden sɛ: “Montwa dua no+ na montwitwa ne mman. Momporo n’ahahan na mompansam n’aba. Mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa ntutu mfiri ne mman so.+ 15 Nanso monnya ne dunsini asase mu, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere no wuram serɛ so, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne mmoa ntena asase so wuram.+ 16 Ma n’akoma nsesa na anyɛ ɔdasani deɛ bio, na wɔmma no aboa akoma+ na mmerɛ nson+ ntwa ne tiri so. 17 Awɛmfoɔ+ ahyɛdeɛ so na asɛm yi ba, na akronkronfoɔ asɛm so na atemmuo yi gyina na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu ketewa koraa na ɔde no si soɔ.”+
18 “‘Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnesar, mesoeɛ. Na afei wo, Beltesasar, kyerɛ aseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ a wɔaka nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ.+ Nanso wo deɛ, ɛsiane sɛ wowɔ anyame kronkron no honhom nti,+ megye di sɛ wobɛtumi.’
19 “Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar+ no ho dwirii no kakra, na ne tirim adwene maa no bɔɔ hu.+
“Ɔhene kaa sɛ, ‘Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ mmmɔ wo hu.’+
“Beltesasar buaa sɛ, ‘O me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.+
20 “‘Dua a wohunuiɛ a ɛnyini bɛyɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den a ne tenten kɔpem ɔsoro a wɔhunuu no asase so baabiara,+ 21 na n’ahahan yɛ fɛ na n’aba dɔɔso na aduane wɔ soɔ ma obiara, na wuram mmoa tete aseɛ na wiem nnomaa sisi ne mman soɔ no,+ 22 O ɔhene,+ ɛyɛ wo ara, ɛfiri sɛ woayɛ kɛseɛ na woayɛ den, na wo kɛseyɛ akɔ ara akɔduru ɔsoro,+ na wo tumidie akɔduru asase ano nohoa.+
23 “‘Enti sɛ́ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ, ɔkronkronni+ bi, sɛ ɔfiri ɔsoro reba na ɔkaa sɛ: “Montwa dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere no wuram serɛ so, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne wuram mmoa ntena nkɔsi sɛ mmerɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ” no,+ 24 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na Ɔsorosoroni+ no ahyɛdeɛ+ bɛba mu, me wura ɔhene so.+ 25 Wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wuram mmoa na wo ne wɔn bɛtena,+ na wura na wɔde bɛma wo awe sɛ nantwie,+ na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo, na mmerɛ nson+ atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no.+
26 “‘Na sɛ́ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no,+ sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi a,+ wɔbɛsan adane w’ahennie ama wo. 27 Enti ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ,+ na yɛ adetenenee fa pa wo bɔne gu,+ na hunu ahiafoɔ mmɔbɔ fa pepa w’amumuyɔ.+ Ebia ɛbɛma woadi yie akyɛ.’”+
28 Yeinom nyinaa baa ɔhene Nebukadnesar so.+
29 Abosome dumienu awieeɛ no, da bi na ɔnenam Babilon ahemfie no soro. 30 Na ɔhene kaa sɛ:+ “Ɛnyɛ Babilon Kɛseɛ a mede me tumi kɛseɛ akyekyere de ayɛ ahenkuro,+ na ama m’animuonyam agye din no nie anaa?”+
31 Berɛ a ɔhene ano gu so reka asɛm no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: “Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ahennie no afiri wo nsa.+ 32 Wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wuram mmoa na wo ne wɔn bɛtena,+ na wura na wɔde bɛma wo awe sɛ nantwie, na mmerɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi, na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no.’”+
33 Dɔn no mu ara+ na asɛm no baa mu Nebukadnesar soɔ, na wɔpamoo no firii nnipa mu, na ɔwee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne mmɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.+
34 “Na nna no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, memaa m’ani so hwɛɛ ɔsoro,+ na m’adwene san baeɛ, na mehyiraa Ɔsorosoroni no,+ na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no yii no ayɛ,+ ɛfiri sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 35 Na asase sotefoɔ nyinaa nsɛ hwee,+ na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ mu.+ Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi abɔ ne nsa atwene+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’+
36 “Saa berɛ no ara na m’adwene san baeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na masan anya m’ahennie animuonyam nti, me kɛseyɛ ne me hyerɛn san baa me so,+ na ɔhene agyinatufoɔ ne m’aberempɔn kyinkyini hwehwɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na menyaa tumi a ɛsene kane deɛ no kaa ho.+
37 “Afei me, Nebukadnesar, meyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema ne so hyɛ no animuonyam,+ ɛfiri sɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.”+