Mmebusɛm 16:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ na ɛpata mfomsoɔ,+ na Yehowa suro na ɛma onipa dane firi bɔne ho.+ Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɛrensi no yie,+ na deɛ ɔka na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+ Yesaia 55:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+ Hesekiel 18:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “‘Sɛ ɔbɔnefoɔ dane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho+ bɛdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene a,+ nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+ Mateo 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakra+
7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
21 “‘Sɛ ɔbɔnefoɔ dane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho+ bɛdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene a,+ nkwa na ɔbɛnya; ɔrenwu.+