Mateo
3 Nna no mu no, Yohane Suboni+ bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ+ so, 2 na ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene,+ na ɔsoro ahennie no abɛn.”+ 3 Nokorɛm no, oyi ne deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Tie! Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie+ Yehowa kwan! Momma n’akwan ntene.’” 4 Nanso na Yohane yi hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nwi+ ayɛ na aboa nwoma abɔsoɔ+ bɔ n’asene; n’aduane nso ne ntutummɛ+ ne wuram ɛwoɔ.+ 5 Na nnipa firi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne nsase a atwa Yordan ho ahyia nyinaa so kɔɔ ne nkyɛn, 6 na ɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne pefee.
7 Berɛ a n’ani bɔɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ+ bebree so sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhuritia+ mma, hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakra+ 9 na monnsusu mo akomam sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mese mo sɛ Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu.+ 10 Akuma+ no da nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no wɔbɛtwa+ de agu gya mu.+ 11 Me deɛ, ɛsiane mo adwensakra+ nti mede nsuo+ na ɛbɔ mo asuo; deɛ ɔdi m’akyi reba+ no wɔ tumi sene me, na memfata sɛ mɛworɔ ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron+ ne gya bɛbɔ mo asuo.+ 12 Ɔkura ne nhusoɔ apaawa wɔ ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea fitafita, na waboaboa n’ayuo ano agu asan so,+ na ntɛtɛ no deɛ, ɔde gya a ɛnnum da bɛhye.”+
13 Afei Yesu firi Galilea+ baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ 14 Nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi no kwan, na ɔkaa sɛ: “Me a ɛhia sɛ wobɔ me asu no afei wo mmom na woreba me nkyɛn yi?” 15 Yesu bua see no sɛ: “Saa berɛ yi deɛ pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi deɛ ɛtene nyinaa soɔ.”+ Na wansi no kwan bio. 16 Ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no ara pɛ na ɔfirii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhunuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so+ te sɛ aborɔnoma.+ 17 Afei hwɛ! Nne+ bi firi soro kaa sɛ: “Oyi ne me Ba,+ deɛ medɔ no+ na magye no atom.”+