Mateo
2 Berɛ a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode+ nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfoɔ+ firi apueeɛ fam baa Yerusalem, 2 na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na deɛ wɔawo no sɛ Yudafoɔ hene+ no wɔ? Yɛwɔ apueeɛ fam na yɛhunuu ne nsoromma,+ enti yɛaba sɛ yɛrebɛkoto no.” 3 Berɛ a Ɔhene Herode tee yei no, ne bo tuiɛ, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa, 4 na ɔfrɛfrɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ nyinaa boaa ano bisaa wɔn baabi a wɔbɛwo Kristo no. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Betlehem+ a ɛwɔ Yudea no; yei ne deɛ wɔnam odiyifoɔ no so atwerɛ, 6 ‘Na wo, Betlehem+ a wowɔ Yuda asase soɔ, wonyɛ Yuda atitire mu kumaa; wo mu na otitire+ a ɔbɛyɛn+ me man Israel bɛfiri aba.’”
7 Ɛnna Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no kokoam too ne bo ase bisaa wɔn berɛ a nsoromma no pueeɛ, 8 na ɔsomaa wɔn kɔɔ Betlehem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monto mo bo ase nhwehwɛ abɔfra kumaa no, na sɛ mohu no a mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso makɔ akɔkoto no.”+ 9 Berɛ a wɔtiee ɔhene no asɛm wieeɛ no, wɔsiim kɔeɛ, na hwɛ! nsoromma a wɔhunuiɛ berɛ a na wɔwɔ apueeɛ+ fam no dii wɔn anim kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa baabi a abɔfra kumaa no wɔ no atifi. 10 Berɛ a wɔhunuu nsoromma no, wɔn ani gyee yie. 11 Na berɛ a wɔkɔɔ fie no mu no, wɔhunuu abɔfra kumaa no ne ne maame Maria, na wɔhwee fam kotoo no. Afei nso, wɔbuebuee wɔn ademudeɛ so kyɛɛ no nneɛma, sika ne ɛhyɛ ne kurobo. 12 Nanso, na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ+ wɔ daeɛ mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn, enti wɔfirii hɔ kɔfaa kwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
13 Wɔfirii hɔ kɔeɛ no, hwɛ! Yehowa bɔfoɔ+ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame dwane kɔ Egypt, na tena hɔ kɔsi sɛ me ne wo bɛkasa; Herode rebɛhwehwɛ abɔfra kumaa no aku no.” 14 Enti ɔsɔre faa abɔfra kumaa no ne ne maame anadwo, na wɔfirii hɔ kɔɔ Egypt, 15 na ɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Herode wuiɛ, na ama deɛ Yehowa nam ne diyifoɔ so kaeɛ no aba mu+ sɛ: “Egypt+ na mefrɛɛ me ba firiiɛ.”
16 Afei berɛ a Herode hunuu sɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu kɛse, na ɔsoma maa wɔkɔkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtamu hɔ nyinaa, ɛfiri wɔn a wɔawo wɔn foforɔ so kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu soɔ, sɛdeɛ berɛ a ɔhunu firii nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no hɔ kyerɛ no. 17 Afei ɛmaa deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ: 18 “Wɔtee nne bi wɔ Rama,+ esũ ne benabɔ pii; ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma na sɛ wɔkyekyere ne werɛ a ɔntie, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.”
19 Berɛ a Herode wuiɛ no, hwɛ! Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi wɔ daeɛ+ mu kyerɛɛ Yosef wɔ Egypt 20 na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asase so, na wɔn a na wɔrehwehwɛ abɔfra kumaa no kra no awuwu.” 21 Enti ɔsɔre faa abɔfra kumaa no ne ne maame kɔɔ Israel asase so. 22 Nanso berɛ a ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode anan redi Yudea so hene no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Afei berɛ a Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ wɔ daeɛ+ mu no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea+ mantam mu, 23 na ɔkɔtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret+ mu, na ama deɛ wɔnam adiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasareni.”+