11 Ɔbarima mmɔdemmɔfoɔ bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom,+ na wo papa berɛ soɔ no, wɔhunuu no sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa sɛ anyame nyansa, na wo papa, ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ ne nsoromma mu ahwɛfoɔ so panin,+ O ɔhene, wo papa ankasa.