11 Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa berɛ so no, wɔhuu sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ, ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no so panin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa.