Numeri
11 Afei ɔman no firii aseɛ nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Berɛ a Yehowa teeɛ no ne bo fuu yie, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyee nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahyeɛ soɔ.+ 2 Na ɔman no su guu Mose so, na ɔsrɛɛ Yehowa+ maa egya no dumiiɛ. 3 Yei nti wɔfrɛɛ hɔ Tabera,+ ɛfiri sɛ Yehowa gya pae guu wɔn so.
4 Firamanfiramanfoɔ+ a na wɔka wɔn ho no kɔn dɔɔ nneɛma pii,+ na Israelfoɔ no nso suu bio sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam aweɛ?+ 5 Hwɛ sɛdeɛ yɛakae nsunam a yɛwee no kwa+ wɔ Egypt ne ɛferɛ ne anamuna ne ɛfan ne gyeene ne galik! 6 Yɛn kra mu nsuo atwe. Baabiara a wobɛfa biara mana yi ara na wohunu.”+
7 Na mana+ no te sɛ aba fitaa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola* hyɛ.+ 8 Nnipa firii adi kɔsesaeɛ,+ na wɔyam no oyuyammoɔ so anaa wɔsii no waduro mu. Afei wɔnoaa no kukuo mu+ anaa wɔde yɛɛ paanoo; wode ka w’ano a, ne dɛ te sɛ taterɛ dɛdɛ+ a wɔde ngo afra. 9 Na sɛ ɛduru anadwo na bosuo tɔ gu nsraban no so a, mana no nso tɔ gu so.+
10 Afei Mose tee sɛ ɔman no resu, mmusua mmusua, obiara wɔ ne ntomadan ano. Ɛbaa saa no, Yehowa bo fuu yie,+ na asɛm no yɛɛ Mose ya.+ 11 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwononwono saa, na ɛdeɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa nnesoa ato me soɔ yi?+ 12 Adɛn, me na menyinsɛnee nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wose, ‘Turu wɔn wo kokom+ sɛdeɛ ɔbarima bagyegyefoɔ turu akɔkoaa,’+ na fa wɔn kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom+ no so? 13 Ɛhe na mɛnya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wɔsu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Dabi, me nko ara mentumi mfa ɔman yi nyinaa nto me ho so, ɛfiri sɛ wɔn mu yɛ duru dodo ma me.+ 15 Sɛ saa na wo ne me bɛdi a, ɛnneɛ mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ku me prɛko ma no nsa+ na m’ani anhunu m’ahoyera.”
16 Yehowa nso ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwehwɛ Israel mmarima mpanimfoɔ aduɔson+ a wonim wɔn sɛ ɔman no mu atitire+ ma me, na fa wɔn kɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho na wo ne wɔn ntwɛn hɔ. 17 Na mɛsiane aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ;+ na mɛyi honhom+ a ɛwɔ wo soɔ no bi ama wɔn, na wɔbɛboa wo asoa ɔman no nnesoa na wo nko ara woansoa.+ 18 Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Monyɛ mo ho kronn mma ɔkyena,+ na mobɛwe nam, ɛfiri sɛ moasu agu Yehowa asom+ sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam aweɛ? Yɛwɔ Egypt no, na nneɛma yɛ ma yɛn.”+ Hwɛ, Yehowa bɛma mo nam awe.+ 19 Ɛnyɛ da koro na mobɛweɛ, ɛnyɛ nnanu, ɛnyɛ nnanum, ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu, 20 na mmom mobɛwe no bosome baako akɔsi sɛ ɛbɛfiri mo hwenem aba na ayɛ mo tan,+ ɛfiri sɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na mosu guu ne so sɛ: “Adɛn nti na yɛafiri Egypt aba ha yi?”’”+
21 Afei Mose kaa sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahansia,+ nanso wose, ‘Mɛma wɔn nam awe bosome baako’! 22 Anantwie ne nnwan dodoɔ sɛn na yɛbɛkum ama no aso wɔn?+ Na yɛyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?”
23 Yehowa buaa Mose sɛ: “Wosusu sɛ Yehowa nsa yɛ tia anaa?+ Wo deɛ twɛn, na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.”+
24 Na Mose de Yehowa asɛm no kɔtoo ɔman no anim. Na ɔyii mpanimfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu aduɔson de wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho.+ 25 Afei Yehowa siane baeɛ wɔ mununkum+ mu ne no bɛkasaeɛ,+ na ɔyii honhom+ a ɛwɔ ne soɔ no bi maa mpanimfoɔ aduɔson no biara. Na berɛ a honhom no baa wɔn soɔ no, wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+
26 Ɛkaa mmarima no mmienu wɔ nsraban no mu. Baako din de Eldad na baako nso de Medad. Na wɔka wɔn a wɔatwerɛ wɔn din no ho, enti wɔnyaa honhom no bi, nanso na wɔnni ntomadan no ho. Na wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ nsraban no mu. 27 Ɛbaa saa no, aberanteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad yɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ nsraban no mu!” 28 Ɛnna Nun ba Yosua a ɔfiri ne mmeranteberɛ mu asom+ Mose no kaa sɛ: “Me wura Mose, ma wɔnnyae!”+ 29 Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Dabi, menyaeɛ a anka Yehowa nkoa nyinaa yɛ adiyifoɔ, ɛfiri sɛ Yehowa de ne honhom bɛma wɔn!”+ 30 Akyire yi Mose ne Israel mpanimfoɔ no kɔɔ nsraban no mu.
31 Afei mframa+ kɛseɛ bi bɔ firii Yehowa hɔ, na ɛpiaa nkokɔhwedeɛ firii po so+ baa nsraban no ho nyinaa, benkum ne nifa, bɛyɛ da koro kwan. Ná wɔsum hɔ firi fam kɔ soro bɛyɛ basafa mmienu. 32 Da mũ no nyinaa ne anadwo no nyinaa ɔman no sɔre boaboaa nkokɔhwedeɛ ano, na adeɛ kyeeɛ no wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mũ no nyinaa. Deɛ wamfa kɛse koraa no nyaa homar+ du, na wɔhata twaa nsraban no ho nyinaa hyiaeɛ. 33 Afei nam no da so ara hyɛ wɔn se ntam a wɔnnya nweeɛ+ no, Yehowa abufuo pae guu+ ɔman no so, na Yehowa firii aseɛ kunkum nnipa pii.+
34 Wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee nnipa a wɔnyaa aduane ho akɔnnɔ bɔne no.+ 35 Wɔfirii Kibrot-Hatawa no, wɔkɔsoɛɛ Haserot+ kakra.