3 Tena asase yi so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mɛhyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefoɔ,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+
24 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Ɛrenkyɛ na mawu; nanso Onyankopɔn bɛdane n’ani aba mo so,+ na ɔbɛyi mo afiri asase yi so de mo akɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma Abraham ne Isak ne Yakob no so.”+
5 Na sɛ Yehowa de wo duru Kanaanfoɔ ne Hitifoɔ ne Amorifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+ asase a nufosuo ne ɛwoɔ+ sene soɔ a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ+ no so a, yɛ saa amanneɛ yi wɔ bosome yi mu.