Genesis
50 Na Yosef de ne tiri too ne papa so+ suiɛ, na ɔfee n’ano.+ 2 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nkoa aduyɛfoɔ sɛ wɔnhyɛ ne papa aduro.+ Enti aduyɛfoɔ no hyɛɛ Israel aduro, 3 na sɛdeɛ na wɔyɛ no daa no, wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ aduro no. Na Egyptfoɔ no suu no adaduɔson.+
4 Afei berɛ a wɔsuu no wieeɛ no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: “Sɛ manya mo anim adom a,+ ɛnneɛ mesrɛ mo monka nkyerɛ Farao sɛ, 5 ‘Me papa maa mekaa ntam,+ na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, merewu.+ Ɛda a mabɔ no Kanaan+ asase soɔ no, emu na sie me.”+ Enti mesrɛ wo, ma menkɔsie me papa, na mewie a masan aba.’” 6 Ɛnna Farao kaa sɛ: “Kɔsie wo papa sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.”+
7 Enti Yosef siim sɛ ɔrekɔsie ne papa, na Farao nkoa, ne fie mpanimfoɔ+ ne Egypt asase so mpanimfoɔ nyinaa, 8 ne Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne ne papa fiefoɔ kaa ne ho kɔeɛ.+ Wɔn mma nkumaa ne wɔn nnwan ne anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn Gosen asase soɔ. 9 Na nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa ne ho kɔeɛ, na wɔbɛyɛɛ dɔm kɛseɛ. 10 Afei wɔkɔduruu Atad ayuporobea+ wɔ Yordan+ mpɔtamu hɔ, na wɔsuu papaapa, na ɔyɛɛ ne papa ayie nnanson.+ 11 Na berɛ a Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no hunuu sɛdeɛ wɔyɛɛ n’ayie wɔ Atad ayuporobea no, wɔteaam sɛ: “Egyptfoɔ ayie kɛseɛ nie!” Enti wɔfrɛɛ hɔ Abel-Misraim, na ɛwɔ Yordan mpɔtamu.+
12 Ne mma no yɛɛ deɛ ɔhyɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 13 Enti ne mma no de no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim. Asase yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no.+ 14 Berɛ a Yosef siee ne papa wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkaa ne ho kɔeɛ nyinaa san baa Egypt.
15 Berɛ a Yosef nuanom hunuu sɛ afei wɔn papa awuo no, wɔkaa sɛ: “Ebia yɛn ho asɛm da so hyɛ Yosef tirim,+ na ɔbɛtua bɔne a yɛayɛ atia no nyinaa so ka.”+ 16 Enti wɔde ahyɛdeɛ yi kɔtoo Yosef anim sɛ: “Ansa na wo papa rebɛwuo no, ɔhyɛɛ sɛ, 17 ‘Monka nkyerɛ Yosef sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nuanom mfomsoɔ ne bɔne a wɔayɛ woɔ+ nyinaa firi wɔn.”’+ Enti yɛsrɛ wo, fa bɔne a wo papa Nyankopɔn nkoa ayɛ atia woɔ no firi wɔn.”+ Berɛ a wɔkaa saa no, Yosef suiɛ. 18 Afei ne nuanom nso ba bɛhwee n’anim kaa sɛ: “Yɛn nie, yɛyɛ wo nkoa!”+ 19 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro; adɛn, mɛtumi agyina Onyankopɔn ananmu anaa?+ 20 Mo deɛ, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afiri mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa,+ sɛdeɛ ada adie nnɛ yi. 21 Enti monnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduane.”+ Ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.
22 Yosef ne ne papa fiefoɔ kɔɔ so tenaa Egypt, na ɔdii mfeɛ ɔha ne du. 23 Na Yosef de n’ani hunuu Efraim mmanana+ ne Manase ba Makir+ nso mma. Wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.+ 24 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Ɛrenkyɛ na mawu; nanso Onyankopɔn bɛdane n’ani aba mo so,+ na ɔbɛyi mo afiri asase yi so de mo akɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma Abraham ne Isak ne Yakob no so.”+ 25 Enti Yosef maa Israel mma no kaa ntam, na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn bɛdane n’ani aba mo so. Na monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛfiri ha akorɔ.”+ 26 Afei Yosef wui a na wadi mfeɛ ɔha ne du; na wɔhyɛɛ no aduro+ de no too adaka mu wɔ Egypt.